Habakuk 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn mmuaeɛ

1 Yes 21.8 Mɛgyina m’ahwɛeɛ,

na mede me ho bɛsi aban so,

na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka akyerɛ me

ne deɛ mede bɛbua no wɔ me nkurobɔ no ho.

2Na AWURADE buaa me sɛ:

Twerɛ adehunu no,

na kyerɛkyerɛ mu gu aboɔpono so,

na wɔatumi akan no wɔ ahoɔherɛ so.

3 2 Pe 3.9 Na adehunu no da so kyerɛ berɛ a wɔahyɛ,

na ɛrepɛ kwan aba mu, na ɛyɛ nokorɛ nso.

Sɛ ɛtwentwɛn ase mpo a, twɛn no ara,

na ba deɛ, ɛbɛba, ɛrenka akyi.

4 Yes 48.22; Rom 1.17; Gal 3.11; Heb 10.38 Hwɛ, ɔbɔnefoɔ kra huhuru,

ɛntene wɔ ne mu,

na ɔteneneeni deɛ, ɔnam ne nokorɛdie so na ɔbɛtena ase.

Nkonimdifoɔ no nnue!

5Na bio nso, Kaldeafoɔ te sɛ nsabofoɔ.

Na wɔyɛ nnipa ahokyerɛfoɔ a wɔn bo nnwo da;

wɔatrɛ wɔn kra akɔnnɔ mu sɛ Asamando,

na wɔte sɛ owuo a ɔmmeeɛ,

wɔfa amanaman nnommum ba wɔn nkyɛn

na wɔfom aman nyinaa fa.

6Ɛberɛ bi reba a wɔn nnomumfoɔ bɛsere na wɔadi wɔn ho fɛw sɛ:

Ɔnnue, deɛ ɔnam asisie kwan so fa adeɛ a ɛnyɛ ne dea no.

W’apoobɔ yi bɛkɔ so ara akɔsi da bɛn?

7Ɛnyɛ mpofirim na wɔn a wɔde wo ka bɛsɔreɛ atia wo,

na wɔbɛnyane na wɔabɛhwanyan woɔ,

na woadane wɔn asadeɛ?

8 Hab 2.17 Ɛsiane sɛ woafom amanaman pii afa nti,

na woaka nnipa mogya agu, ne nhyɛsoɔ a wode ahyɛ asase,

nkuro ne emufoɔ nyinaa soɔ

nti aman mu nkaeɛ nyinaa bɛfom wo nso afa.

9Ɔnnue, deɛ ɔnya mfasoɔ bɔne ma ne fie,

sɛ ɔde ne pirebuo bɛsi sorɔnsorɔmmea

na wayi ne ho afiri mmusuo nsam no.

10Woatu agyina anya aniwuo ama wo fie,

sɛ woatwitwa aman pii aguo,

na woayɛ wo kra bɔne.

11Ɔboɔ firi ɔfasuo mu bɛteam,

na mpuna afiri nnua mu agye so.

12 Yer 22.13; Mika 3.10 Ɔnnue, deɛ ɔkyekyere kuro mogya mu,

na ɔto aban abusudeɛ mu.

13 Yer 51.58 Hwɛ, ɛmfiri asafo AWURADE nkyɛn

sɛ aman yɛ adwuma brɛ ma ogya,

na nkurɔfoɔ brɛ ma ade hunu?

14 Yes 11.9 Na afei deɛ, AWURADE animuonyam ho nimdeɛ

bɛhyɛ asase so ma

sɛdeɛ nsuo kata ɛpo soɔ.

15Due, wo a woma wo yɔnko nsa nom

wɔ adwenbɔne kwan soɔ,

na woma no borɔ na woahwɛ n’adagya mu.

16 Yer 25.15, 26 Ahohora amee wo asene animuonyam;

wo nso nom, na wo momonoto nna adi;

AWURADE nifa mu kuruwa

bɛdane aba wo so,

na ɛfeɛ ne ahohora bɛgu w’animuonyam so.

17Na wo Babel, asɛmmɔne a wɔde dii Lebanon

ne mmoa sɛeɛ a ɛbɔɔ wɔn binim no,

nnipa mogya a woaka aguo, ne nhyɛsoɔ a wode ahyɛ asase,

kuro ne emufoɔ nyinaa so no nyinaa bɛbua w’atifi.

18 Yes 44.10 Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a,

ɛho mfasoɔ ne deɛn?

Ɛyɛ guo honi, kyerɛkyerɛni torofoɔ;

ɛfiri sɛ odwumfoɔ yɛ ahoni mum a,

ɔde ne ho to ɔno ara n’adwinnie a ɔdie no so.

19 Dwom 115.4-8 Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyane!

Na woka kyerɛ ɔboɔ mum sɛ: Sɔre!

Ɛno na ɛbɛkyerɛ adeɛ anaa?

Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho,

na ahome biara nni mu.

20 Dwom 11.4; 76.8; Sak 2.13; Adi 8.1 Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu;

na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help