1 2 Ah 24.17 Na Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bɛdii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babelhene Nebukadnessar sii no Yuda asase so hene no ananmu.
2Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nkurɔfoɔ antie AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.
3 Yer 42.2; Yes 37.4 Na Ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ɛ!
4Nso na Yeremia di ɔman no mu ahyemfire, na na wɔmfaa no ntoo nneduafoɔ dan mu.
5Na Farao dɔm afiri Misraim reba, na Kaldeafoɔ a wɔaka Yerusalem ahyɛ mu no tee wɔn nka no, wɔtu firii Yerusalem ho kɔe.
6Ɛnna AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ:
7Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ monka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo me nkyɛn maa mobɛbisaa me hɔ adeɛ no nie: Hwɛ, Farao dɔm a wɔafiri rebɛboa mo no, wɔbɛsane akɔ Misraim wɔn asase so;
8na Kaldeafoɔ no bɛsane aba ne kuro yi abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahye.
9Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnnaadaa mo ho sɛ: Kaldeafoɔ afiri yɛn so kɔ, ɛfiri sɛ wɔrenkɔ.
10Na sɛ mokum Kaldeafoɔ a wɔne mo reko no dɔm nyinaa ma no ka wɔn mu apirafoɔ mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntomadan mu mmaako mmaako de ogya abɛhye kuro yi.
Wɔbu Yeremia ɔfatwafoɔ11Na ɛbaa sɛ, Kaldeafoɔ dɔm tu firii Yerusalem ho, Farao dɔm anim, kɔeɛ no,
12Yer 32.9 Yeremia firii adi firii Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asase so sɛ ɔrekɔgye ne kyɛfa nkurɔfoɔ no mu.
13Na ɔduruu Benyamin ponkɛseɛ mu no, na awɛmfoɔ so panin bi wɔ hɔ a ne din de Yiria, Hanania ba Selemia ba, na ɔsɔɔ Odiyifoɔ Yeremia mu kaa sɛ: Kaldeafoɔ no nkyɛn na woawae rekorɔ.
14Na Yeremia se: Dabi, ɛnte saa! Menyɛ deɛ wawae rekɔ Kaldeafoɔ nkyɛn. Na Yiria antie no, na ɔsɔɔ Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.
15Yer 20.2 Na mmapɔmma no bo fu tiaa Yeremia, na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo mpokyerɛfoɔ dan mu, Ɔtwerɛfoɔ Yonatan fie, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na wɔde ayɛ nneduafoɔ dan.
Ɔhene asɛmmisa16Ɛnna Yeremia kɔɔ amena dan no mu ne ntokuro no mu; na Yeremia tenaa hɔ nna pii.
17Yer 34.21 Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa no bae, na ɔhene no bisaa no kokoam, ne fie sɛ: AWURADE asɛm bi wɔ wo hɔ anaa? Na Yeremia se: Ebi wɔ hɔ. Na ɔse: Wɔde wo bɛhyɛ Babel hene nsa.
18Na Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ: Ɛdeɛn bɔne na mayɛ woɔ ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafoɔ dan mu yi?
19Na ɛhefa na mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo ne asase yi so, no wɔ?
20Na afei tie ɛ, me wura ɔhene, ma me nkotosrɛ nnuru w’anim, na mma wɔmmfa me nnsane nnkɔ Ɔtwerɛfoɔ Yonatan fie, na mankɔwu wɔ hɔ.
21Yer 32.2 Ɛnna Ɔhene Sedekia hyɛ maa wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfoɔ abannwa mu, na da koro wɔma no paanoo mua firi paanootofoɔ borɔno mu, kɔsii sɛ paanoo nyinaa saa kuro no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu ara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.