Baruk 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1O Awurade Tumfoɔ, Israel Nyankopɔn, ɔkra a ne ho dwane no ne honhom a wabrɛ resu frɛ wo.

2O Awurade, tie na hu yɛn mmɔbɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne wɔ w’anim.

3Wo na wodi hene daa, na yɛn deɛ yɛreyera afebɔɔ.

4O Awurade Tumfoɔ, Israel Nyankopɔn, afei tie ɔman Israel mpaebɔ, wɔn a wɔyɛɛ w’anim bɔne no mma, wɔn a wɔantie Awurade wɔn Nyankopɔn nne, a ɛno nti atoyerɛnkyɛm aba yɛn so no.

5Nkae yɛn agyanom amumuyɛ, na mmom saa ahohiahia berɛ yi mu, kae wo tumi ne wo din no.

6Ɛfiri sɛ wone Awurade yɛn Nyankopɔn, na ɛyɛ wo, O Awurade, wo na yɛbɛyi wo ayɛ.

7Na wode wo ho suro ahyɛ yɛn akoma mu sɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛbɔ wo din; na yɛbɛyi wo ayɛ wɔ dommum mu, na yɛayi amumuyɛ biara a yɛn agyanom yɛ tiaa wo no afiri yɛn akomam.

8Hwɛ, ɛnnɛ yɛwɔ yɛn dommumfa mu, faako a wabɔ yɛn ahweteɛ no, sɛ wɔmmɔ yɛn ahohora, nnome yɛn na wɔntwe yɛn aso wɔ amumuyɛ biara a yɛn agyanom yɛeɛ, wɔn a wɔgyaa Awurade yɛn Nyankopɔn no.

Nyansa ho ayeyie

9 Mmb 4.20-22 O Israel, tie mmara a ɛma nkwa no,

yɛ aso na sua nyansa!

10Ɛyɛɛ dɛn, O Israel, adɛn nti na woakɔpue w’atamfoɔ asase soɔ,

ɛnna worenyini bɔ akɔkoraa wɔ ananafoɔ asase soɔ yi,

na wode afunu agu wo ho fi yi,

11a wɔkan wo ka wɔn a wɔwɔ Asamando ho yi?

12Woapo nyansa nsubura no.

13Sɛ anka wonantee wɔ Onyankopɔn kwan so a,

anka wobɛtena asomdwoeɛ mu afebɔɔ.

14Sua hunu faako a nyansa wɔ,

faako a ahoɔden wɔ,

faako a nteaseɛ wɔ,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛberɛ korɔ no ara wobɛhunu

baabi a nkwa ne nna tentene wɔ,

faako a ani kanea ne asomdwoeɛ wɔ.

15Hwan na wahu ne beaeɛ a ɔwɔ no?

Na hwan na wɔahyɛne n’adekorabea?

16Ɛhefa na aman ahemfo no wɔ,

ne wɔn a wɔdii tumi wɔ asase so mmoadoma so;

17wɔn a wɔde ewiem nnomaa gye wɔn ani,

na wɔsiee sika ne dwetɛ

a nnipa de wɔn werɛ ahyɛ mu no ano,

na deɛ wɔrenya no nni awieeɛ;

18wɔn a wɔyɛ nhyehyɛɛ de pɛ dwetɛ, na wɔha wɔn ho no,

nanso wɔhwehwɛ a wɔnhunu wɔn nnwuma ho biribiara?

19Wɔayera, na wɔasan kɔ Asamando,

na nnipa afoforɔ asɔre abɛsi wɔn ananmu.

20Nkyirimma ahunu adekyeeɛ hann no,

na wɔatena asase so;

nanso wɔnsuaa nimdeɛ kwan

na wɔntee n’akwan ase,

nso wɔnsɔɔ ne mu.

21Wɔn asefoɔ amane afiri ne kwan no ho.

22Wɔntee ne nka wɔ Kanaan,

ɛnna nso wɔnhunuu no wɔ Teman;

23Hagar asefoɔ a wɔhwehwɛ nteaseɛ wɔ asase so no,

Meran ne Teman adwadifoɔ,

anatofoɔ ne wɔn a wɔhwehwɛ nteaseɛ no,

nsuaa ɛkwan a ɛde kɔ nyansa hɔ,

anaasɛ wɔnnwenee n’akwan ho.

24O Israel, hwɛ sɛdeɛ Onyankopɔn fie so fa,

sɛdeɛ asase a ɛyɛ ne dea si trɛ fa!

25Ɛso na ɛnni ano;

ɛkorɔn na ɛnni susuiɛ.

26 Gye 6.4; Nya 14.6 Ɛhɔ na wɔwoo abrane, wɔn a wɔgyee din wɔ tete berɛ no mu,

wɔyɛ abrane na wɔawedare ɔko mu.

27Onyankopɔn anyi wɔn,

anaasɛ ɔbɛma wɔn kwan a ɛde kɔ nimdeɛ ho,

28ɛno nti wɔyerae ɛfiri sɛ wɔnni nyansa biara,

wɔnam wɔn nkwaseadeɛ mu yeraeɛ.

29Hwan na waforo akɔ ɔsoro, na wafa no,

na ɔde no afiri mununkum mu asane?

30Hwan na wakɔ ɛpo so, na wahu no,

na ɔde sika mapa bɛtɔ no?

31Obiara nnim ɔkwan a ɛde kɔ ne nkyɛn,

anaasɛ ɔdwene n’anammɔn kwan ho.

32Mmom deɛ ɔnim nnoɔma nyinaa no nim no,

ɔnam ne nteaseɛ so ahu no.

Deɛ ɔsiesiee asase maa ɛberɛ nyinaa no,

ɔde abɔdeɛ a wɔn nan yɛ nnan hyɛɛ mu ma;

33deɛ ɔsoma hann, na ɛkɔ;

ɔfrɛɛ no, na ɛde ahopopoɔ tiee no;

34nsoromma hyerɛnn wɔ wɔn gyinaberɛ berɛ mu, na wɔdii ahurisie;

ɔfrɛɛ wɔn, na wɔkaa sɛ: Yɛn nie!

Wɔde ahurisie hyerɛnn maa deɛ ɔbɔɔ wɔn no.

35Oyi ne yɛn Nyankopɔn;

obiara nni hɔ a wɔde no toto ne ho.

36Ɔno na ɔhunuu ɔkwan a ɛkɔ nimdeɛ ho nyinaa,

na ɔde no maa n’akoa Yakob

na ɔde maa Israel, deɛ ɔdɔ no no.

37Akyire yi no, ɔdaa ne ho adi wɔ asase so

na ɔne adasamma tenaeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help