1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie,
3sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:
Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi,
a ɔwɔ ntaban akɛseakɛse,
ne ntakra atenteneatentene,
ntakra nworanworan ayɛ ne ho ma,
baa Lebanon
bɛbuu tweneduro nkona.
4 Hes 16.29 Ne nkɔnmu mu ban na ɔpaneeɛ,
na ɔde kɔɔ adwadie asase bi so,
ɔkɔtɛɛ no adwadifoɔ kuro bi mu.
5Na ɔfaa asase no so aba bi
de kɔduaa asase pa bi mu,
ɔde sii nsuo bebree ano,
ɔtɛɛ no sɛ nsunoa dua.
6 Hes 19.10 Na ɛfifirii yɛɛ bobe
a ɛdennaneeɛ a ɛhwihwa fam
ma ne mman tenetene baa ne ho,
na ne nhini wɔ n’ase;
na ɛyɛɛ bobe
na ɛyiyii mman
na ahahan baa so.
7Nso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi wɔ hɔ,
ne ntaban akɛseakɛse,
na ne ntakra bebree.
Na hwɛ, bobe no firi n’akofie
a wɔtɛɛ no wɔ mu no mu tentene,
ne nhini kɔɔ ne fam,
na ɛyiyii ne mman kɔɔ ne so,
sɛ ɔmma no nsuo.
8Afu pa so
ne nsuo bebree ho na ɔtɛeɛ,
sɛ ɛnyiyi mman,
na ɛnso aba,
na ɛnyɛ bobe fɛfɛ.
9Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:
Ɛbɛyɛ yie?
Ɔrentutu ne nhini,
na ɔntwitwa n’aba na atwintwam?
Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam,
na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree
na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no.
10Na hwɛ, wɔatɛ no yi, ɛbɛkye?
Berɛ a apueeɛ mframa bɛka no no,
ɛnyɛ kusa na ɛbɛkusa anaa?
Akofie a ɛfifirii soɔ no so na ɛbɛtwintwam.
11Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
122 Ah 24.10, 15 Ka kyerɛ asowuiɛ fie no sɛ: Monhunu adekodeɛ a yei yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel.
132 Ah 24.17 Na ɔfaa ahennie asefoɔ no mu obi, na ɔne no pamee, na ɔmaa no kaa no ntam, (na asase no so atumfoɔ no deɛ, ɔfaa wɔn kɔe),
14sɛ ɛnyɛ ahennie a wɔabrɛ no aseɛ, na amma ne ho so bio, na ɔnni apam no so na ɛnnyina.
15Nanso ɔtee n’anim atua somaa n’abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Misraim, sɛ wɔmma no apɔnkɔ ne ɛdɔm bebree. Ɛbɛsi no yie anaa? Deɛ ɔyɛ yeinom bɛfiri mu afi anaa? Ɔbɛsɛe apam no na wafa ne ho adi anaa?
16Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔhene a ɔsii no hene a wammu ne nseɛ no, na wabu n’apam soɔ no tenabea, ne nkyɛn hɔ wɔ Babel, na ɔbɛwuo.
17Na ɛnyɛ ɛdɔm kɛseɛ ne asafo bebree na Farao de bɛdi ama no. Ɛsa mu wɔbɛto epie na wɔasisi aban atentene de atwa nnipa pii agu.
18Ɛfiri sɛ wammu ntam no na ɔbuu apam so; na hwɛ, wadi nse, nanso wayɛ yeinom nyinaa. Ɔremfiri mu mfi.
19Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, me ntam a wammuo ne m’apam a wabu soɔ no na mede bɛbua n’atifi.
20Hes 12.13 Na mɛtrɛ m’asau ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, na fom a ɔfom me no, me ne no bɛdi wɔ hɔ;
21na n’adwanefoɔ a ɛwɔ n’asafo nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ, na wɔn a wɔaka no, wɔbɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na moahunu sɛ me, AWURADE, na maka.
Awieeɛ no wɔbɛma Israel so22 Yes 11.1; 53.2 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:
Me nso mɛbu tweneduro
a ɛkorɔn no nkona mu bi akɔtɛ,
ne mfefɛeɛ mu tire bɛtɛbɛtɛ no bi
na mɛpan makɔdua no
bepɔ a ɛkorɔn na ɛwareɛ bi so;
23 Hes 20.40; Dan 4.12; Mat 13.32 Israel bepɔ sorɔnsorɔn so
na mɛdua no,
na ɛbɛyiyi mman aso aba,
na ayɛ tweneduro kunini,
na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abɛsisi aseɛ;
ne mman nwunu mu na wɔbɛsisie.
24 Hes 21.26 Na wiram nnua nyinaa ahunu
sɛ me, AWURADE,
na mabrɛ dua bantenn no aseɛ,
na mama dua a ɛhwihwa fam akorɔn,
mama duamono adwan
na mama duawuiɛ afefɛ.
Me, AWURADE, na maka,
na mayɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.