Luka 7 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Akoa bi ayaresa(Mateo 8.5-13)

1Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfoɔ no aso mu no, ɔkɔhyɛnee Kapernaum.

2Na asraafoɔ ɔha so panin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.

3Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yadeɛ.

4Na wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no denden sɛ: Ɔfata sɛ wobɛyɛ saa adeɛ yi ama no;

5ɛfiri sɛ ɔdɔ yɛn man, na ɔno na wasi hyiadan ama yɛn.

6Na Yesu ne wɔn kɔe. Na ɔreyɛ abɛn efie no ho no, asraafoɔ ɔha so panin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Owura, nha wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ;

7enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho nyɛ no den.

8Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ wɔ m’ase, na sɛ mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.

9Na Yesu tee yei no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi n’akyire no sɛ: Mese mo sɛ, Israel mu mpo, menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ.

10Na wɔn a wɔsomaa wɔn no sane kɔɔ fie no, wɔkɔhunuu akoa a na ɔyareɛ no sɛ ne ho ayɛ no den.

Nain kunafoɔ no ba

11Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafoɔ ne nkurɔfoɔ pii ne no kɔe.

12Yesu di Yohane ho adanseɛ

24Na Yohane abɔfoɔ no kɔeɛ no, ɔfirii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ ɛserɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim?

25Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetena mu yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfie.

26Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, deɛ ɔsene odiyifoɔ mpo ni.

27

Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim

a ɔbɛsiesie wo kwan adi w’anim.

28

Yɛahyɛne atɛntɛbɛn ama mo, na moansa;

yɛatwa agyaadwo, na moansu.

33 Na Yohane suboni aba, ɔnnidi na ɔnnom nsa, na mose: Ɔwɔ honhommɔne.

34Ɔbaa debɔneyɛni

36

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help