1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Kasa kyerɛ Israelfoɔ no, na gyegye wɔn hɔ wɔn mpanimfie mu mpoma mmaako mmaako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no, na twerɛtwerɛ wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so.
3Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri sɛ poma biara yɛ mpanimfie biara mu otitire no deɛ.
4Eks 25.22 Na gya gu ahyiaeɛ ntomadan no mu, Adanseɛ no anim, deɛ me ne mo hyia hɔ no.
5Num 16.5, 7 Na ɔbarima a mɛyi no no poma bɛfefɛ, na mama me ho anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia mo no agyae.
6Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa memaa no mpoma mmaako mmaako; mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu.
7Na Mose gyaa mpoma no guu AWURADE anim adanseɛ ntomadan no mu.
8Na adeɛ kyeeɛ a Mose kɔɔ adanseɛ ntomadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie deɛ no afefɛ ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na aso sorɔno aba abere.
9Na Mose tasee mpoma no nyinaa de firii AWURADE anim firii adi brɛɛ Israelfoɔ no nyinaa, na wɔhwɛe, na wɔn mu biara faa ne poma.
10 Heb 9.4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no sane bra Adanseɛ no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma asoɔdenfoɔ no, na woatwa wɔn anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no so, na wɔanwuwu.
11Na Mose yɛɛ saa. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, saa ara na ɔyɛeɛ.
12Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe!
13Num 16.40 Obiara a ɔbɛn AWURADE tenabea no wu: Yɛn nyinaa nwie sa anaa?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
