1Yohane firii Gasara kɔbɔɔ n’agya Simon amaneɛ wɔ deɛ Kendebeus ayɛ no.
2Na Simon frɛɛ ne mmabarima mpanimfoɔ baanu, Yuda ne Yohane, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me nuanom ne m’agya fie ako Israel ko firi yɛn mmeranteberɛ mu de bɛsi nnɛ, na nnoɔma akɔ yie wɔ yɛn nsam a enti yɛagye Israel mprɛ pii.
3Nanso seesei mabɔ akora, na Ɔsoro adaworoma nti moanyini wɔ mfeɛ mu. Momfa me ne me nuanom diberɛ, na momfiri adi nkɔko ma yɛn man, na mmoa a ɛfiri ɔsoro no nka mo ho.
4Enti Yohane yiyii ɔman no mu akofoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduonu, na wɔfirii adi kɔɔ Kendebeus so na wɔkyeree nsra anadwo no wɔ Modein.
5Anɔpatutu no, wɔfirii aseɛ firii adi na wɔkɔɔ asasetam no so, faako a asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔdɔɔso firi reba abɛhyia wɔn no; na asutene bi da wɔn ntam.
6Afei ɔno ne n’asraafoɔ no gyinae a wɔrehyia wɔn. Ɔhunuu sɛ asraafoɔ no suro sɛ wɔbɛtwa asutene no, ɛno nti ɔdii kan twae; na ɛberɛ a n’akofoɔ no hunuu no no, wɔtwa dii n’akyi.
7Afei ɔkyɛɛ asraafoɔ no mu na ɔde apɔnkɔsotefoɔ no gyinaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu no mfimfini, ɛfiri sɛ na ɔtamfo no apɔnkɔsotefoɔ no dɔɔso pa ara.
8Wɔhyɛnee totorobɛnto no, na Kendebeus ne n’asraafoɔ no dwanee; wɔn mu bebree pirapirae na nkaeɛ no dwane kɔɔ abandenden no mu.
9Saa berɛ no, Yuda nua Yohane pirae, nanso Yohane tii wɔn ara kɔsii sɛ Kedebeus duruu Kedron a ɔno ara asie hɔ.
10Wɔsan nso dwane kɔɔ abantenten a ɛwowɔ mfuo a ɛwɔ Asoto ho no, na Yohane de ogya hyeɛ, na wɔn mu bɛyɛ mpem mmienu wuwui. Afei ɔsan baa Yerusalem dwoodwoo.
Wɔdi Simon ne ne mmabarima awu11Afei na wɔayi Abubus ba Ptoleme sɛ amrado wɔ Yeriko asase tam no so; na wakora sika ne dwetɛ pii,
12ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔsɔfo panin no ase.
13Ahomasoɔ wuraa n’akoma mu; ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛfa ɔman no nyinaa adi soɔ, nnaadaa nhyehyɛɛ tiaa Simon ne ne mma, sɛ ɔde bɛyi wɔn afiri hɔ.
14Afei na Simon rekɔsra nkuro a ɛwɔ ne man mu na wayɛ deɛ ɛhia wɔn ama wɔn, na ɔne ne mmabarima Matatias ne Yuda sianee kɔɔ Yeriko, wɔ afe ɔha aduɔson nson mu, bosome a ɛtɔ so dubaako a ɛne bosome Sebat.
15Abubus ba no nam nnaadaa kwan so gyee wɔn wɔ abandenden ketewa bi a wasi no wɔ Dok; ɔtoo pono kɛseɛ maa wɔn, na na ɔde mmarima asie hɔ.
16Ɛberɛ a Simon ne ne mma no boboroeɛ no, Ptoleme ne ne mmarima no sɔre faa wɔn akodeɛ bɔɔ kirididi kɔɔ apontoɔ dan mu hɔ kɔkunkumm Simon ne ne mma mmienu no ne n’asomfoɔ.
17Enti ɔyɛɛ nneyɛɛ a ɛyɛ nkontompo kɛseɛ de amumuyɛ tuaa papayɛ so ka.
Yohane si Simon ananmu18Afei Ptoleme twerɛɛ nsɛm yi ho amanneɛbɔ kɔmaa ɔhene no, bisaa no sɛ ɔnsoma akofoɔ mmɛboa no na ɔnnane nkuro ne ɔman no mma no.
19Ɔsomaa akofoɔ foforɔ kɔɔ Gasara sɛ wɔnkɔyi Yohane mfiri hɔ; ɔde nkrataa kɔmaa asafohene na ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmmra ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn sika ne dwetɛ ne akyɛdeɛ ahodoɔ;
20na ɔsomaa akofoɔ foforɔ kɔɔ sɛ wɔnkɔfa Yerusalem ne asɔredan kokoɔ no.
21Nanso obi dii wɔn anim kan kɔka kyerɛɛ Yohane wɔ Gasara sɛ n’agya ne ne nuanom awuwu, na saa ara na “wasoma nnipa sɛ wɔmmɛku wo nso.”
22Ɛberɛ a ɔtee asɛm yi no, ne ho dwirii no kɛse; ɔkyeree mmarima a wɔasoma wɔn sɛ wɔmmɛsɛe no kunkum wɔn, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ wɔrepɛ no asɛe no.
23Yohane nnwuma nkaeɛ ne n’ako ne akatakyisɛm a ɔyɛeɛ no, afasuo no toɔ ne ne wie, deɛ ɔnyaeɛ wɔ ne mmɔdemmɔ mu no,
24wɔatwerɛ no wɔ asɔfoɔ mpanin berɛsosɛm nwoma mu, ɛfiri ɛberɛ a ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo panin wɔ n’agya akyi no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.