1Ɛdɔn no ara mu na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: Hwan ne ɔkɛseɛ koraa wɔ ɔsoro ahennie no mu?
2Na Yesu frɛɛ abɔfra bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini,
3Suntiduatoɔ
7 Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!
8Odwan a wayera(Luka 15.3-7)
10 (Luka 15.4-7)
12 Modwene ho sɛn? Sɛ onipa bi wɔ nnwanten ɔha, na wɔn mu baako fom kwan a, ɔrennya aduɔkron nkron no mmepɔ so, na ɔnkɔhwehwɛ deɛ wafom kwan no anaa?
13Na sɛ ɛba sɛ ɔhu no a, nokorɛ mese mo sɛ, n’ani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔamfom kwan no ho.
14Saa ara na ɛnyɛ adeɛ a Agya a ɔwɔ soro no pɛ, sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera.
Sɛdeɛ wɔne onua a ɔfom die15 Mprɛ dodoɔ a ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ
21Ɛnna Petro baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Awurade, mprɛ ahe na me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Ɛnkɔsi mprɛnson anaa?
22Akoa tirimuɔdenfoɔ no
23 Yei nti ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu nkonta.
24Na ɔfitii aseɛ buiɛ no, wɔde ɔbaako a ɔde no ɛka talente ɔpedu brɛɛ no.
25Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no.
26Ɛnna akoa no gyae ne ho too fam wɔ n’anim srɛɛ no sɛ: Owura to wo bo ase ma me, na mɛtua wo ne nyinaa.
27Na akoa no wura no hunuu no mmɔbɔ, na ɔgyaee no, na ɔde ka no kyɛɛ no.
28Na akoa no ara firii adie no, ɔkɔhunuu ne nwirakwaa no mu baako a ɔde no denare ɔha; na ɔsɔɔ no mu, tim no amenewa kaa sɛ: Tua me ka!
29Na n’awirakwaa no nso de ne ho hwee fam srɛɛ no sɛ: To wo bo ase ma me, na mɛtua.
30Nanso ɔno deɛ, wampene, na ɔde no kɔtoo afiase sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛtua ɛka no.
31Na nwirakwaa no hunuu deɛ ɛsiiɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya pii, na wɔba bɛkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura no.
32Ɛnna ne wura no frɛɛ no see no sɛ: Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ɛka no nyinaa mekyɛɛ wo;
33ɛnsɛ sɛ wo nso wohunu w’awirakwaa mmɔbɔ sɛdeɛ mehunuu wo mmɔbɔ no anaa?
34
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
