Nehemia 8 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Mmara no kenkan

1 Esra 7.6 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.

2Deut 31.10-13 Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.

3Na ɔkenkanee wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono anim no so firi anɔpa kɔsii awigyina, mmarima ne mmaa ne wɔn a wɔbɛtumi ate aseɛ no anim. Na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nwoma no mu nsɛm no.

4Na Ɔtwerɛfoɔ Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn, a asɛm no nti wɔyɛeɛ no so. Na Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.

5Na Esra buee nwoma no mu ɔman no nyinaa anim, na ɔboro ɔman no nyinaa so. Na ɔbuee mu no, ɔman no nyinaa sɔre gyinagyinae.

6Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmemaa wɔn nsa so; na wɔkoto sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuu fam.

7Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifoɔ no maa ɔman no hunuu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ.

8Na wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no kofee, na wɔkyerɛɛ aseɛ maa wɔtee ne kenkan no ase.

9 Neh 5.14 Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.

10Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.

11Na Lewifoɔ no maa ɔman no nyinaa yɛɛ komm sɛ: Monyɛ dinn, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron, na mommma mo werɛ nnho mo ho.

12Ɛnna ɔman no nyinaa kɔ kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔde bi kyekyɛe, na wɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ pa ara, ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Asese afahyɛ

13Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no boaboaa wɔn ano bɛhyiaa wɔ Ɔtwerɛfoɔ Esra nkyɛn, sɛ wɔrebɛsua mmara nsɛm no.

14Lew 23.42 Na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ no mmara a AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no mu, sɛ Israelfoɔ no ntena asese mu bosome a ɛtɔ so nson mu afahyɛ no mu

15ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyini wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Momfiri adi nkɔ mmepɔ so nkɔfa ngodua mman ne kranku mman ne ohwannua mman ne berɛ ne nnua kusukusuu mman, na momfa mmɛbobɔ asese sɛdeɛ wɔatwerɛ no.

16Neh 8.1 Ɛnna ɔman no firii adi kɔfa baeɛ, na wɔbobɔɔ asese fae, obiara wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ, ne Nyankopɔn fie abannwa so, ne Nsuo Pono no ho mpraeɛ so ne Efraim Pono no ho mpraeɛ so.

17Na wɔn a wɔsane firii nnommumfa mu baeɛ no badwa no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na na Israelfoɔ nyɛɛ saa da firi Nun ba Yosua berɛ so de bɛsi da no. Na ɛyɛɛ anigyeɛ kɛseɛ pa ara.

18Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help