Adiyisɛm 21 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ

1 Yes 65.17; 2 Pe 3.13; Adi 20.11 Na mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane soro ne kane asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.

2Heb 11.10; 11.16; 12.22; Gal 4.26; Adi 19.7-8 Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.

3Hes 37.27; 48.35 Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse:

Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu,

na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu,

na wɔayɛ ne man,

na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.

4 Adi 7.17; Yes 25.8; 35.10 Na ɔbɛpepa wɔn ani ase nisuo nyinaa.

Na owuo nni hɔ bio,

na awerɛhoɔ ne osu ne yea biara nni hɔ bio,

ɛfiri sɛ kane nnoɔma no atwam.

5 Adi 4.2; 5.1; 2 Ko 5.17 Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.

6Adi 1.8; 22.17 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Me na mede nkwa asutire mu nsuo bɛkyɛ obiara a sukɔm de no kwa.

7Adi 2.7; Sak 8.8 Deɛ ɔdi nkonim no bɛnya yeinom adi, na mɛyɛ no ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ɔba.

8Heb 10.38-39; Adi 22.15; 20.14 Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.

Ɔsoro Yerusalem ne ayeforɔ

9 Adi 15.1; 15.6-7; 19.7 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no.

10Hes 40.2 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron Yerusalem no sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane.

11Adi 21.3; 21.23; Yes 60.1-2 Ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛmaa no hann no te sɛ ɔboɔ a ne boɔ yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛboɔ a emu teɛ sɛ ahwehwɛ.

12Hes 48.31-35 Na ɛwɔ ɔfasuo kɛseɛ tentene, a ɛwɔ aponkɛseɛ dummienu, na abɔfoɔ dummienu tete apono no ano. Apono no so na wɔatwerɛ din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuo dummienu no din.

13Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ, apono mmiɛnsa wɔ atifi, apono mmiɛnsa wɔ anafoɔ, na apono mmiɛnsa wɔ atɔeɛ.

14Na kuro no fasuo wɔ afapem dummienu a Adwammaa no asomafoɔ dummienu no din wowɔ soɔ.

15 Hes 40.3 Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.

16Hes 48.16-17 Na kuro no da ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛ yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro no akwansin mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛ ne ne korɔn yɛ pɛ.

17Na ɔsusuu ne fasuo no basafa ɔha aduanan nnan a ɛyɛ onipa nsusuiɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ deɛ no teɛ.

18Na deɛ wɔde too ne fasuo no ne ahwehwɛboɔ, na kuro no yɛ sika kronkron te sɛ ahwehwɛ kronkron.

19Yes 54.11-12 Na wɔde aboɔden aboɔ nyinaa ahyehyɛ kuro no fasuo no fapem. Fapem a ɛdi kan yɛ ahwehwɛboɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ hoaboɔ, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ, deɛ ɛtɔ so nnan yɛ ahahammonoboɔ,

20deɛ ɛtɔ so nnum yɛ ɛtɔnboɔ, deɛ ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ, deɛ ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibireboɔ, deɛ ɛtɔ so nkron yɛ akrateboɔ, deɛ ɛtɔ so du yɛ dɛnkyɛmmoɔ, deɛ ɛtɔ so dubaako yɛ owisiboɔ, deɛ ɛtɔ so dummienu yɛ beredumboɔ.

21Adi 22.2 Na apono dummienu no yɛ nhwene pa dummienu. Apono no mu biara wɔde ahwene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu teɛ.

22Na manhunu asɔredan biara wɔ mu; na Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, ne Adwammaa no ne n’asɔredan.

23Adi 22.5; Yes 24.23; 60.19-20 Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.

24Yes 60.3; 60.5 Na amanaman bɛnante ne hann no mu. Na asase so ahemfo de wɔn animuonyam bɛba mu.

25Yes 60.11; Adi 22.5; Sak 14.7 Na wɔrentoto n’apono mu awia na anadwo nni hɔ bio.

26Na wɔde amanaman no animuonyam ne anidie bɛba mu.

27Adi 20.15; Flp 4.3 Na ade hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help