Hiob 22 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Elifas, ahonu ho afotuo

1Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ:

2Ɔdasani bi bɛtumi adi mu wɔ Onyankopɔn anim anaa?

Hwɛ, onimdefoɔ mpo, ɔdi mu wɔ n’ankasa n’ani so.

3Otumfoɔ nya ho biribi sɛ wotene,

anaasɛ ɔnya mfasoɔ sɛ w’akwan di mu?

4Wo suro nti na ɔbɛka w’anim,

na ɔde wo akɔ atemmuo mu anaa?

5Ɛnyɛ sɛ wo bɔne dɔɔso?

Na w’amumuyɛ nni awieeɛ.

6 Hiob 24.9-10; Eks 22.25-26; Yes 58.7 Sɛ woagye wo nuanom awowa ɔkwa,

na woapa adagyafoɔ ho ntoma.

7 Mat 25.42-43 Woamma opititɔfoɔ nsuo annom,

na woakame deɛ ɔdi kɔm aduane.

8Na onipa a ne basa mu yɛ den no, ɔno na asase wɔ no,

na deɛ ɔwɔ animuonyam no na ɔtena soɔ.

9 Hiob 29.12 Woama mmaa akunafoɔ de nsapan kɔ,

na nwisiaa abasa nso, wɔabubu.

10Enti na afidie atwa wo ho ahyia,

na nketenkete yi wo hu mpofirim.

11Anaasɛ wonhunu sum

ne nsuo pii a akata wo soɔ?

12Ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ?

Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛdeɛ ɛkorɔn fa!

13Na woka sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim?

Esum kabii akyiri nohoa na ɔbɛbu atɛn?

14Mununkum yɛ no nkataho, na ɔnhunu adeɛ,

na ɔsoro kɔntɔnkrɔn so na ɔnanteɛ.

15Wobɛfa tete tempɔn no

a mma busufoɔ nantee soɔ no so anaa?

16 Hiob 15.32-33; Gye 7.21 Wɔn a wɔpraa wɔn kɔeɛ ansa na ɛberɛ reduro,

na wɔn nnyinasoɔ sene kɔɔ sɛ asuo no.

17 Hiob 21.14 Wɔn na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Firi yɛn so!

Na ɛdeɛn nso na Otumfoɔ bɛyɛ wɔn?

18 Hiob 21.16 Nanso ɔde nnepa hyehyɛɛ wɔn afie amaama

na abɔnefoɔ agyinatuo mpare me!

19 Dwom 107.42 Ateneneefoɔ hunu, na wɔn ani gye;

na deɛ ɔdi bem no di wɔn ho fɛw,

20ka sɛ: Ampa ara, wɔn a wɔsɔre tiaa yɛn no ayera,

na wɔn nnikaeɛ no, ogya ahye!

21Fa wo ho bɔ Nyankopɔn ho ɛ, na wo ho nnwo wo;

yei mu na adepa bɛba ama woɔ.

22Gye n’anomu mmara,

na fa ne nsɛm sie w’akomam.

23 Hiob 8.5-7; 11.14-19 Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ nkyɛn a, wɔde wo bɛsi hɔ,

sɛ woyi wo ntomadan mu abusudeɛ kɔ akyirikyiri a, —

24 1 Ah 9.28 fa sika amapa gu mfuturo mu,

na Ofir sika nso, fa gu asubɔnten mu mmoseaa mu.

25Na Otumfoɔ bɛyɛ wo sika amapa bebree

ne dwetɛ a wɔahɔre ama woɔ.

26 Dwom 37.4 Ɛno na wo ho bɛsɛpɛ wo Otumfoɔ ho,

na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn.

27 Dwom 50.14-15 Wobɛsrɛ no, na watie wo,

na w’aboadeɛ ka no, woatua.

28Wobɛbɔ wo tirim, na ɛbɛgyina ama wo,

na hann bɛhyerɛn w’akwan so.

29 1 Pe 5.5 Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛno deɛ, ahomasoɔ ntira.

Ɛfiri sɛ ɔhobrɛaseni deɛ, ɔbɛma no adi yie.

30 Dwom 18.20, 24 Sɛ deɛ ɔnnii bem mpo, ɔbɛgye no a,

ɛnneɛ w’ahoteɛ so na wɔbɛgye wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help