2 Makabee NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMU Makabee Nwoma a ɛtɔ so mmienu yɛ abakɔsɛm nnum a Kireneni Yason twerɛeɛ a wɔaka abom. Nwoma no ka nsɛm a ɛsisiiɛ wɔ Yudafoɔ abakɔsɛm mu ɛfiri Ɔsɔfopanin Onia a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ bɛyɛ afe 180 mu ansa na wɔrewo Kristo, de kɔsi Nikano wuo wɔ afe 161 ansa na wɔrewo Kristo, na ɛde toto nsɛm bi a ɛsisiiɛ wɔ eti a ɛdidi kan wɔ Makabee a ɛdi kan no. Wɔsi mmara so die mu nokorɛdie so dua ne akatua a Onyankopɔn a ɔde ma mogyadansefoɔ a wɔwu ma wɔn gyidie no.EMU NSƐMNkrataa a wɔtwerɛ kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim ne Nnianim 1.1—2.32Apereapereɛ wɔ Ɔsɔfopanin die ho 3.1—4.50Antiokus Epifane ne Yudafoɔ taeɛ 5.1—7.42Yuda nkonimdie ahodoɔ 8.1—15.39
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help