Galatifoɔ NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUƐberɛ a wɔfirii aseɛ kaa Yesu ho asɛmpa no, nnipa bi a na wɔnyɛ Yudafoɔ gye diiɛ. Asɛm bi a ɛsɔree wɔn mu ne sɛ, obi ntumi nyɛ Kristoni nokorɛ mu gye sɛ ɔdi Mose mmara so. Paulo gyinaa mu pintinn sɛ yei ho nhia — na nokorɛ a ɛtɔ adwene mu na ɛwɔ nnyinasoɔ ne sɛ deɛ ɔnam Yesu mu gyidie so no na ɔbɛnya nkwa. Ɛnam yei so tumi ma nnipa nyinaa ne Onyankopɔn ntam siesie. Nnipa bi nso a wɔfiri asafo ahodoɔ a ɛwɔ Galatia, Roma mantam a ɛwɔ Asia Kumaa mu, kyerɛkyerɛ sɛ obi pɛ sɛ ɔtene wɔ Onyankopɔn anim a, ɛtwa sɛ ɔdi Mose mmara so.Paulo twerɛɛ krataa yi de kɔmaa Galatifoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbɛsane de nokorɛ gyidie ne adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ abrɛ nnipa bi a wɔde nkyerɛkyerɛ bɔne abɛdaadaa wɔn no. Paulo tumi a ɔde yɛ Yesu Kristo somafoɔ ho anoyie ne deɛ ɔde firii aseɛ. Ɔka si so dua sɛ, ɔfrɛ a ɔnyae de bɛyɛɛ ɔsomafoɔ no nyɛ deɛ ɛfiri onipa tumi mu na mmom ɛfiri Onyankopɔn. N’adwuma titire a wɔde ahyɛ ne nsa yɛ deɛ ɔbɛyɛ wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafoɔ mu. Afei ɔnam nkyerɛkyerɛmu so ma no da adi sɛ ɛnam gyidie so na wɔbɛtumi asiesie nnipa ne Onyankopɔn ntam. Ti a ɔde wie no, Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ Kristoni su yɛ deɛ ɛtene firi ɔdɔ a ɛfiri ne gyidie a ɛwɔ Kristo mu no.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-10Paulo tumi a ɔde yɛ ɔsomafoɔ 1.11—2.21Onyankopɔn adom asɛmpa no 3.1—4.31Kristoni fawohodie ne n’asɛdeɛ 5.1—6.10Awieeɛ 6.11-18
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help