1 1 Ah 16.7 Na AWURADE asɛm baa Hanani ba Yehu nkyɛn tiaa Baasa sɛ:
21 Ah 14.7 Ɛsiane sɛ mama wo so afiri mfuturo mu, na masi wo me man Israel so panin, na woafa Yeroboam kwan soɔ, na woama me man Israel ayɛ bɔne ama wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti,
31 Ah 15.29 hwɛ, merepra Baasa ne ne fie akɔ, na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie.
41 Ah 14.11 Baasa busuani biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na ne ho nipa biara a ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.
5Na Baasa ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?
6Na Baasa toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Tirsa. Na ne ba Ela bɛdii n’adeɛ.
71 Ah 16.1 Nanso AWURADE asɛm nam Hanani ba Odiyifoɔ Yehu so ba tiaa Baasa ne ne fie, bɔne a ɔyɛɛ no AWURADE ani soɔ nyinaa, sɛ ɔde ne nsa ano adwuma yɛɛ sɛ Yeroboam fie no huruu ne boɔ ne kum a ɔkumm no ho.
Ela di Israel so hene8 1 Ah 16.6 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nsia mu na Baasa ba Ela bɛdii hene Tirsa mfeɛ mmienu.
91 Ah 15.27 Na n’akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene no, pamm ne tiri so. Na ɔwɔ Tirsa anom nsa abo wɔ Arsa a ɔdi ahemfie a ɛwɔ Tirsa no soɔ no fie.
102 Ah 9.31; 15.10; 14.25 Na Simri kɔɔ mu kɔbɔɔ no kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu, na ɔdii n’adeɛ.
11Na ɔbɛdii hene na ɔtenaa ahennwa soɔ ara pɛ no, ɔkumm Baasa fiefoɔ nyinaa, obusuani oo, adamfo oo, wannya ɔbarima biara amma no.
121 Ah 16.1-4 Na Simri sɛee Baasa fie nyinaa sɛ AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yehu so ka tiaa Baasa,
13wɔ Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛeɛ na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, boɔ no ho.
14Na Ela ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?
Simri di Israel so hene15 1 Ah 15.27 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Simri bɛdii hene nnanson wɔ Tirsa. Na ɔman no akyere Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ deɛ no ho nsraban.
161 Ah 16.9-10 Na ɔman a wɔwɔ nsra mu no tee sɛ Simri akɔ apam na wakum ɔhene no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri sii Israel so hene da no ara nsraban no mu.
17Na Omri firi Gibeton foro bae, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔbɛtuaa Tirsa.
18Na Simri hunuu sɛ wɔagye kuro no no, ɔkɔɔ ahemfie aban mu, na ɔde ogya hyee ahemfie no ne ne ho, na ɔwui
19ne bɔne a ɔyɛeɛ, sɛ ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛ ɔnantee Yeroboam kwan soɔ, ne ne bɔne a ɔyɛeɛ de maa Israel yɛɛ bɔne no mu nti.
20Na Simri ho nsɛm nkaeɛ ne n’apam a ɔkɔeɛ no, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?
21Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa mmienu. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyiri sɛ wɔbɛsi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi.
22Na ɔman no fa a wɔdii Omri akyire no yɛ den sene ɔman no fa a wɔdii Ginat ba Tibni akyire; na wɔkumm Tibni, na Omri dii hene.
Omri di Israel so hene23Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa baako mu na Omri bɛdii Israel so hene mfeɛ dummienu. Ɔdii hene Tirsa mfeɛ nsia.
24Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔ wɔ Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu, na ɔkyekyeree bepɔ no so kuro, na ɔde bepɔ no wura Semer din too kuro a ɔkyekyereeɛ no. Ɛnne Samaria.
25 Mika 6.16 Na Omri yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔyɛɛ bɔne sene wɔn a wɔdii n’anim nyinaa.
261 Ah 12.30 Na ɔfaa Nebat ba Yeroboam kwan nyinaa ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no so, sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ bɛhuru AWURADE, Israel Nyankopɔn, no boɔ.
27Na Omri ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.
28Na Omri toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria. Na ne ba Ahab bɛdii n’adeɛ.
Ahab di Israel so hene29Na Omri ba Ahab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu. Na Omri ba Ahab dii Israel so hene Samaria mfirinhyia aduonu mmienu.
30Na Omri ba Ahab yɛɛ AWURADE ani so bɔne sene wɔn a wɔdii n’anim nyinaa.
311 Ah 16.26 Na ɛyɛɛ hare maa no sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfoɔ hene Etbaal babaa Isebel waree, na ɔkɔ kɔsomm Baal na ɔsɔree no.
322 Ah 3.2; 10.27-28 Na ɔsii afɔrebukyia maa Baal wɔ Baal fie a ɔsii no Samaria.
33Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na Ahab yɛɛ pii sɛ ɔde bɛhuru AWURADE Israel Nyankopɔn bo asene Israel ahemfo a wɔdii n’anim nyinaa.
34 Yos 6.26 Ne berɛ so na Betelni Hiel kyekyeree Yeriko. N’abakan Abiram wui berɛ a ɔtoo fapem, na ne ba kumaa Segub nso wui berɛ a ɔsisii ano apono, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no teɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.