Hiob 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Elifas ka Hiob anim, na ɔkyerɛ abɔnefoɔ mmusuo

1Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ:

2Onyansafoɔ de nimdeɛ huuhuu bɛbua,

na ɔde apueeɛ mframa ahyɛ n’afuru ma anaa?

3Ɔde nsɛm a ɛmfra bɛyi atɛn

ne nsɛnkeka a mfasoɔ nni mu anaa?

4Nso woto nyamesuro twene,

na wosi Nyankopɔn anim nsusuiɛ ho kwan.

5Na w’ano nsɛm kyerɛ wo bɔne,

na woafa aniteɛ tɛkyerɛma.

6Wo ara w’ano na ɛbu wo fɔ, na ɛnyɛ me,

aane, wo ara ankasa w’ano na ɛdi adanseɛ tia woɔ.

7Wone deɛ ɔdi kan a wɔwoo no onipa,

na wɔnyinsɛn wo ansa na wɔreyɛ nkokoɔ?

8 Hiob 11.7; Rom 11.33 Wokɔtiee Nyankopɔn agyinatuo,

na woasi nyansa ano afa?

9 Hiob 13.2 Ɛdeɛn na wonim a yɛnnim,

na wohunu mu a ɛnni yɛn nkyɛn?

10Hwɛ, wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn mu,

deɛ ɔsene w’agya panin mpo.

11Nyankopɔn awerɛkyekyerɛ ne n’asɛm

a wɔne woka no brɛɛ no sua w’ani so anaa?

12Adɛn na w’akoma twe wo korɔ,

na adɛn na w’ani pa anyinam,

13na wodane wo honhom tia Onyankopɔn

na woma nsɛnkeka firi w’anomu?

14 Hiob 14.4 Hwan ne ɔdasani a ne ho bɛteɛ

ne deɛ ɔbaa awo no a ɔtene?

15 Hiob 4.18-19 Hwɛ, n’akronkronfoɔ so mpo ɔmfa ne ho nto,

na ɔsoro ho nso nte n’ani so:

16Na nkantom deɛ ne ho yɛ nwunu na waporɔ,

onipa a ɔnom amumuyɛ sɛ nsuo!

17Mɛkyerɛ wo, na tie me;

na deɛ mahunu yi, mɛka akyerɛ wo.

18Deɛ anyansafoɔ aka akyerɛ

na wɔansi so firi wɔn agyanom berɛ soɔ;

19wɔn nko na wɔde asase no maa wɔn,

na ɔhɔhoɔ biara antwam wɔn mu.

20 Gye 4.14 Ɔbɔnefoɔ ho yera no, ne nna nyinaa,

na wɔde mfeɛ a wɔakan asie otirimuɔdenfoɔ.

21Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu,

asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.

22Ɔnnye nni sɛ ɔbɛsane afiri sum mu,

na wɔayi no ama afena.

23Ɔkyini hwehwɛ aduane, ka sɛ: Ɛhe na ɛwɔ?

Ɔnim sɛ esum da abɛn no.

24Ahohiahia ne ahokyere yi no hu,

ɛtintim no sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko a ɛyɛ hu.

25Ɛfiri sɛ watene ne nsa atia Onyankopɔn,

na wate Otumfoɔ so atua.

26Ɔde kɔn a asene ato aba ne so,

ne n’akyɛm akyi apɔapɔ a emu yɛ duro no;

27 Dwom 73.7, 18-20 ɛfiri sɛ wama ne sradeɛ akata n’anim,

na wama ne mfe mu adɔre sradeɛ,

28 Yos 6.26 na wakɔtena nkuro a aguo so,

afie a obi nte mu na wɔahyɛ sɛ ɛnyɛ afituo mu:

29Ɔrennya ne ho, na n’adedodoɔ nso rennyina,

na ne nnɔbaeɛ renkonkom mma fam;

30Ɔremfiri sum mu mfi,

ogyaframa bɛma ne nnuaban adwan,

na n’anomu mframa bɛpra ne nhyerɛne akɔ;

31mma no mmfa ne ho nnto ahuhudeɛ so nnnaadaa ne ho,

na ahuhudeɛ ara na ɛbɛyɛ n’akatua.

32Ne da nnya nnuruiɛ no na akatua no bɛba,

na ne duban renyɛ frɔmfrɔm;

33ɔbɛpore n’asia abunu sɛ obobe deɛ,

na wawoso ne nhyerɛne agu sɛ ngodua deɛ;

34na abɔnefoɔ fekuo bɛyɛ abonini,

na ogya bɛhye adanmudegyeɛ ntomadan.

35 Dwom 7.14; Yes 59.4 Wɔnyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusuo,

na wɔn yafunu siesie nnaadaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help