Nnwom 99 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn kronkron ho ayeyie

1 Dwom 93.1; 80.1 AWURADE di hene, aman ho popo;

ɔte Kerubim so, asase him.

2AWURADE yɛ kɛseɛ wɔ Sion,

na wɔama no so aman nyinaa so.

3Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ,

ɔno na ɔyɛ kronkron.

4 Yes 9.6 Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo,

wo na wobu atɛntenenee,

Yakob mu atemmuo ne tenenee,

wo na wobuo.

5Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so,

na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim.

Ɔno na ɔyɛ kronkron.

6 Yer 15.1 Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu,

na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu,

wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so.

7Ɔkasa kyerɛɛ wɔn mununkum dum mu,

wɔdii n’adansesɛm ne ahyɛdeɛ

a ɔde maa wɔn no so.

8AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wogyee wɔn soɔ,

woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ,

ne wɔn nneyɛɛ so weretɔfoɔ.

9Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so,

na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so,

na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help