1 2 Be 36.6-13 Yehoiakim berɛ so na Babelhene Nebukadnessar tu baeɛ, na Yehoiakim yɛɛ no akoa mfeɛ mmiɛnsa; na ɔdanee tee Nebukadnessar so atua.
2Na AWURADE somaa Kaldeafoɔ asafo ne Siriafoɔ asafo ne Moabfoɔ asafo ne Amon asafo baa ne so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ so kaeɛ no teɛ no.
32 Ah 21.10-16; 23.26-27 AWURADE anomu asɛm nko so na yei nam baa Yuda soɔ, sɛ ɔbɛyi wɔn afiri n’anim, Manase bɔne nti, sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa,
4ne mogya a ɛdi bem nso a ɔka guiɛ, na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde kyɛ.
5Na Yehoiakim ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?
6Na Yehoiakim tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Yehoiakyin bɛdii n’adeɛ.
7Na Misraimhene amfiri n’asase so amma bio, ɛfiri sɛ na Babel hene agye deɛ ɛyɛ Misraimhene dea nyinaa afiri Misraim subonhwa ano kɔsi Eufrate asubɔnten ho.
Yuda hene Yehoiakyin(2 Berɛsosɛm 36.9-10)8Yehoiakyin bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Nehusta a ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem babaa.
92 Ah 23.37 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.
10Ɛberɛ no mu na Babelhene Nebukadnessar nkoa tu baa Yerusalem, na wɔtuaa kuro no.
11Na Babelhene Nebukadnessar baa kuro no so, nso na ne nkoa aka no ahyɛ mu.
12Ɛnna Yudahene Yehoiakyin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma, ne n’apiafoɔ. Na Babel hene faa no, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu.
132 Ah 20.17 Na ɔkɔfaa AWURADE fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ firi hɔ kɔe, na ɔtwitwaa sika nnoɔma a Israelhene Salomo yɛɛ no AWURADE aban mu no ho sika, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.
14Na ɔtuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wɔbɛtumi nyinaa kɔe, nnipa mpem du na ɔde wɔn kɔeɛ; adwumfoɔ ne atomfoɔ nyinaa ka ho, na wɔannya obiara, gye asase no so nkurɔfoɔ ahiafoɔ nko.
15Yer 22.26; 24.1; 2 Ah 25.27 Na ɔtuu Yehoiakyin kɔɔ Babel; na ɔhene na ne ɔhene yerenom ne n’apiafoɔ ne asase no so atumfoɔ, ɔtuu wɔn firii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,
16ne mmarima akofoɔ nyinaa, mpemnson, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ apem, wɔn nyinaa mmarima a wɔtumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel.
17Na Babel hene tuu Yehoiakyin adeɛ so, na ɔde n’agya nuabarima Matania a ɔsakyeraa ne din frɛɛ no Sedekia no sii n’anan.
Sedekia di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 36.11-12; Yeremia 52.1-3)18 Yer 52.1-3 Sedekia bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna babaa.
19Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara.
202 Ah 23.27 Na ɛnam AWURADE abufuo so na ɔtuu Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ.
Na Sedekia tee Babel hene so atua.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.