1Monka mo ho mmoa ano, aane, monka mmoa ano,
ɔman a mo ani nwu asɛm!
2Mommma ɔsɛeɛ da no mmma ansa,
da no resene aba sɛ ntɛtɛ,
mommma AWURADE abufuhyeɛ no
mmma mo so ansa,
aane, mommma AWURADE abufuo da no
mmma mo so ansa.
3Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ a mobrɛ mo ho aseɛ nyinaa
a moyɛ n’atemmudeɛ!
Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ.
Ebia wɔbɛkora mo,
AWURADE abufuo da no.
Aman a wɔatwa Israel ho ahyia no atemmuo4Na Gasa bɛyɛ kuro a wɔagya,
na Askelon ayɛ akurofo;
Asdod deɛ, wɔbɛtu wɔn awia ketee,
na Ekron ase nso, wɔbɛtutu.
5 1 Sa 30.14; Yer Monnue, mpoanofoɔ,
Keretifoɔ man!
AWURADE asɛm da mo so,
Kanaan a ɛyɛ Filistifoɔ asase.
Mɛma wɔasɛe wo, na anka wo mufoɔ biara.
6Na mpoano asase bɛdane adidibea
a nnwanhwɛfoɔ funi mu
na nnwammuo sisi hɔ,
7 Sef 3.20 na ayɛ Yuda fie nkaeɛ
asase a wɔyɛne so mmoa,
Askelon afie mu
na wɔbɛbutubutu anwummerɛ,
na AWURADE wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn,
na ɔde wɔn nnommumfa asane aba.
8 Yer 48; 49.1 Mate Moab nsopa
ne Amon mma yea a wɔde asopa me man na wɔama wɔn ho so atia wɔn hyeɛ no.
9 Gye 19.24 Enti, sɛ mete aseɛ yi, asafo AWURADE,
Israel Nyankopɔn asɛm nie,
ampa, Moab bɛdane sɛ Sodom,
na Amon mma ayɛ sɛ Gomora,
nsansono sisibea ne nkyene amena
ne daapem amamfo;
me man nkaeɛ bɛfom wɔn afa,
na me nkurɔfoɔ a wɔbɛka soɔ no adi wɔn so.
10Wɔn ahantan nti na yei bɛyɛ wɔn,
ɛfiri sɛ wɔasopa na wɔama wɔn ho so
atia asafo AWURADE man no.
11AWURADE ho bɛyɛ wɔn hu,
ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera;
na aman no mu biara bɛfiri ne tenabea aba,
nsuano aman nyinaa,
na wɔabɛsɔre no.
12 Hes 30.9 Mo, Etiopiafoɔ, nso,
m’afena ano na mobɛtotɔ.
13 Nah 1.1 Na ɔbɛtene ne nsa akyerɛ atifi fam,
na wasɛe Asiria,
na wadane Ninewe amamfo,
na awo pɛsɛɛ sɛ anwea pradada so,
14 Yes 13.21; 34.11 na mmoakuo abutubutu mu,
mmoadoma nyinaa;
nantwinoma ne apɛsɛ nso
bɛtena n’adum no so;
wɔte nnomaa su mpomma mu,
ewira dodoɔ gugu aponnwa ase,
na wama ne ntweneduro no ho ada hɔ.
15 Yes 47.8 Yei ne kuro a ɛdi ahurisie
a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ,
na ɛse no n’akoma mu sɛ:
Me ara na obi nni m’akyiri bio.
Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo,
mmoa abutuiɛ!
Obiara a ɔnam ho twam no
bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
