1 Petro 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkyea

1 Yak 1.1 Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn,

2Rom 8.29 sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo.

Anidasoɔ a ɛwɔ nkwa mu

3Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔreɛ a ɔfiri awufoɔ mu sɔreeɛ no so awo yɛn foforɔ kɔ anidasoɔ a emu wɔ nkwa mu,

4Kol 1.12 ne apɛgyadeɛ a ɛmporɔ, na ɛho nni dɛm, na ɛmpa mu, a wɔde asie ɔsoro ama mo

5Yoh 10.28; 17.11 a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu.

6 Rom 5.2; 2 Ko 4.17; 1 Pe 5.10 Ɛno mu na mo ho siane mo, mo a nnansa yi, sɛ ɛsɛ a, wɔho mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu,

7Mmb 17.3; Mal 3.3 na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu.

8Yoh 20.29; 2 Ko 5.7 Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu,

9Rom 6.22 sɛ monya mo gyidie akatua a ɛne mo kra nkwagyeɛ no.

10Luk 10.24 Saa nkwagyeɛ no na adiyifoɔ a wɔhyɛɛ adom a ɛbɛba mo soɔ no ho nkɔm de too hɔ no, pɛeɛ na wɔpeepee mu.

11Dwom 22; Yes 53 Wɔhwehwɛɛ berɛ ko ne berɛ ahodoɔ a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyire animuonyam a ɛbɛba no ho.

Adiyifoɔ ne abɔfoɔ

12 Efe 3.10 Wɔyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho nko na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seesei yɛbɔ no dawuro kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firi soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhunu mu.

Abrabɔ kronkron

13 Luk 12.35 Enti mommɔ mo adwene mu abɔsoɔ, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyie mu no so koraa.

14Rom 12.2 Monyɛ sɛ asoɔmmerɛ mma, na monnyɛ mo ho sɛdeɛ kane a monnim biribiara no na mo akɔnnɔ teɛ no,

15na mmom te sɛ deɛ ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu,

16Lew 19.2 na wɔatwerɛ sɛ: Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me, meyɛ kronkron.

17 Rom 2.11 Na sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tena bea yi mu,

181 Ko 6.20; 7.23; 1 Pe 4.3 sɛ monim sɛ wɔamfa nnoɔma a ɛporɔ, dwetɛ anaa sika annye mo amfiri mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu,

19Yes 53.7; Heb 9.14 na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.

20Rom 16.25-26; Efe 1.4 Ɔno na wɔyii no sieeɛ ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, na wɔayi no akyerɛ, berɛ a ɛdi akyire yi mu ama mo

21Yoh 14.6 a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.

22Monte mo kra ho, nokorɛ setie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na momfiri akoma mu nnodɔ mo ho mo ho denden.

23Yoh 1.13; Yak 1.18 Na wɔamfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom wɔfiri deɛ ɛmporɔ mu, ɛne sɛ wɔnam Nyankopɔn asɛm a ɛte aseɛ na ɛbɛtena hɔ no so awo wɔn foforɔ.

24Yes 40.6-7; Yak 1.10-11 Ɛfiri sɛ

honam nyinaa te sɛ wira,

na onipa animuonyam nyinaa te sɛ wira nhwiren.

Wira hye,

na ne nhwiren po;

25 Yes 40.8 na Awurade asɛm deɛ, ɛte hɔ daa. Na yei ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help