Ester He NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUEster Nwoma foforɔ a wɔatwerɛ no Hela kasa mu no nkyerɛaseɛ, nnaneani ne ntrɛmu nnyinasoɔ yɛ Ester nwoma a wɔde Hebri kasa twerɛeɛ no. Nsɛm a ɛtoatoa soɔ no yɛ pɛ, nanso nsonsonoeɛ bebree wɔ nwoma no mu, a ebi ne din pa ahodoɔ ne nyamesom su kɛseɛ a ɛkura. Nnoɔma nsia a wɔde ka ho, a wɔhu no sɛ ti A-F wɔ saa nkyerɛaseɛ yi mu, ma yɛnya nhyɛnmu ne awieeɛ foforɔ. Wɔyi nwoma no adi wɔ kwan a wɔgye to mu so, na wɔsi nyamesom ho nnoɔma so dua berɛ a wɔde mpaebɔ ne kwan a wɔfaa so buaeɛ.EMU NSƐMWɔde Ester si ɔhemmaa A.1—2.23Haman pam Yudafoɔ tiri so 3.1—5.14Wɔku Haman 6.1—7.10Yudafoɔ no di wɔn atamfoɔ so 8.1—F.10Nsɛm a ɛtwa toɔ