Yesaia 43 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn gye ne man na ɔma ne so

1Na afei, sɛdeɛ AWURADE a

ɔbɔɔ woɔ, Yakob,

na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie:

Nsuro, na magye wo,

mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea.

2 Dwom 66.12 Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ,

na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ.

Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo,

na ogyaframa renhye wo.

3 Mmb 11.8 Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn,

Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no.

Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo,

mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.

4Sɛ wosom boɔ m’ani so,

w’anim aba nyam, na me na madɔ woɔ nti,

mede nnipa bɛma asi wo ananmu,

na mede aman bi asi wo kra ananmu.

5 Yes 11.11-16 Nsuro, na me na me ne wo wɔ hɔ.

Mede w’asefoɔ bɛfiri apueeɛ aba,

na mafiri atɔeɛ maboa wo ano;

6mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma!

Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora!

Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra,

ne me mmammaa firi asase ano,

7 Yer 14.9 obiara a wɔbɔ me din frɛ no,

na mebɔɔ no memaa m’animuonyam,

menwonoo no na meyɛɛ no no.

AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn

8 Yes 42.18 Fa ɔman a wɔyɛ anifirafoɔ nanso wɔwɔ ani no firi bra,

ɛne asotifoɔ a wɔwɔ aso no.

9 Yes 41.22, 26 Amanaman nyinaa, monhyia faako,

na aman ahodoɔ mmoa ano.

Mo mu hwan na ɔbɛka yei,

na akane nnoɔma no, wakyerɛ yɛn?

Wɔmma wɔn adansefoɔ mmra, na wɔnni bem;

anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Ɛyɛ nokorɛ!

10 Yes 41.8 Mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ,

ne m’akoa a mayi no no,

sɛ monhunu na monnye me nni,

na monhunu mu sɛ me ara mene no.

Wɔnnwonoo onyame bi m’anim,

na m’akyiri nso obiara remma.

11 Yes 44.6; Deut 32.39 Me, mene AWURADE,

na ɔgyefoɔ biara nni hɔ sɛ me!

12 Yes 43.10 Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate,

ɛberɛ a na onyame foforɔ bi nni mo mu;

na mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ.

13Mene Onyankopɔn, na ɛfiri nnɛ nso Mene No,

na obiara nni hɔ a ɔyi firi me nsam;

mɛyɛ adeɛ, na hwan na ɔbɛdane ani?

Onyankopɔn yɛ odimafoɔ

14Sɛ AWURADE,

mo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie:

Mo nti mɛsoma akɔ Babel,

na mabubu adaban nyinaa,

na mama Kaldeafoɔ ahurisidie adane adwotwa.

15Me, AWURADE, mene mo Kronkronni,

Israel bɔfoɔ, mo hene no.

16 Eks 14.22; Yos 3.16 Saa na AWURADE seɛ,

deɛ ɔma ɛpo mu da ɔkwan

na ɛsa da asuo a ɛyɛ den mu no,

17deɛ ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ,

ɛdɔm ne nnɔmmarima firii adie no;

wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio,

wɔsae, wɔdunnumii sɛ asaawa.

18Monnkae akane nsɛm,

na monnnwene atetedeɛ ho.

19 Yes 41.18 Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi,

afei na ɛrefifire, monhunu?

Mɛbɔ ɛserɛ so kwan,

mɛma nsubɔntene aba anwea pradada so.

20Wiram mmoadoma bɛhyɛ me animuonyam,

ɛserɛ so nkraman ne nsohori,

sɛ mama nsuo aba ɛserɛ soɔ na

nsubɔntene aba anwea pradada soɔ,

na mede mama me man a mayi wɔn no anom,

21 1 Pe 2.9 ɔman a manwono wɔn mafa no,

na wɔaka m’ayeyie akyerɛ.

Nyankopɔn adom

22Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob,

na me ho ayɛ wo mfone, O Israel!

23 Yes 1.11-15 Woammrɛ me wo hyeɛ afɔdeɛ nnwan,

na woamfa w’afɔdeɛ anhyɛ me animuonyam;

mamma woamfa aduane afɔdeɛ ansom me,

na mamma woammrɛ ohwamfufuo ho;

24woamfa sika antɔ ahwedeɛ amma me,

na woamma w’afɔdeɛ sradeɛ ammee me,

na mmom wode wo bɔne yɛɛ me adesoa,

na wode w’amumuyɛ maa mebrɛe.

25 Yes 44.22; Yer 31.34 Me, me ara, mene

deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti,

na wo bɔne nso, merenkaeɛ.

26 Yes 58.2; Yer 2.35 Kae me ɛ, na yɛmmɛbu atɛn;

ka wo deɛ, na woadi bem.

27 Dan 9.6, 8 W’agya a ɔdi kan no ayɛ bɔne,

na wo kasamafoɔ afomfom me,

28enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho,

na mayi Yakob mama mmusuo, na mede Israel mama adapaabɔfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help