2 Berɛsosɛm 12 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Misraim tu Yuda so sa(1 Ahemfo 14.25-28)

1 1 Ah 14.21-31 Na Rehoboam ahennie timiiɛ, na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho.

2Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem so, ɛfiri sɛ na wɔafom AWURADE.

3Ɔde nteaseɛnam apem ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ mpemaduosia bae, na ɛdɔm a wɔne no baeɛ no nni ano, wɔfiri Misraim: Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ.

42 Be 11.5-10 Na ɔgyee Yuda nkuro a ɛyɛ den no, na ɔbɛduruu Yerusalem.

5Ɛnna Odiyifoɔ Semaia baa Rehoboam ne Yuda mmapɔmma a wɔaboa wɔn ano aba Yerusalem afiri Sisak anim no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mo deɛ, moagya me, na me nso magyaa mo ahyɛ Sisak nsa.

6Ɛnna Israel mmapɔmma ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho aseɛ, na wɔkaa sɛ: Ɔteneneeni ne AWURADE.

7Na AWURADE hunuu sɛ wɔabrɛ wɔn ho aseɛ no, AWURADE asɛm baa Semaia nkyɛn sɛ: Wɔabrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn, na ɛyɛ kakra a mɛma wɔafiri mu afi, na m’abufuo amfa Sisak nsa so anhwie angu Yerusalem so.

8Nanso wɔbɛyɛ no nkoa, na wɔahunu me som ne nsase so ahennie som no.

9Na Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem bɛfaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ no, — ne nyinaa na ɔfaeɛ, — na ɔfaa sika akyɛm a Salomo yɛeɛ no nso.

10Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyehyɛɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn ɔhene fie pono ano no asafohene no nsa.

11Na da biara a ɔhene ba AWURADE fie no, awɛmfoɔ no bɛsoa kɔ na wɔde asane aba awɛmfoɔ no dan mu.

12Na ɛnam sɛ ɔbrɛɛ ne ho aseɛ nti, AWURADE abufuo no sane firii ne so, sɛ ɔrensɛe no nwie; na ɔmannwoeɛ wɔ Yuda mu nso.

Rehoboam nnisoɔ no awieeɛ

13 2 Be 6.20 Na Ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den wɔ Yerusalem, na ɔdii hene. Na ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem a ɛne kuro a AWURADE yii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.

14Na ɔyɛɛ bɔne, na wamfa n’akoma anhwehwɛ AWURADE.

15 2 Be 13.22 Na Rehoboam ho nsɛm, kane deɛ ne akyire yi deɛ nso, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Semaia ne ɔdehunufoɔ Ido nsɛm mu antoatoa so? Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa.

16Na Rehoboam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Abia bɛdii n’adeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help