Sirak 48 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Elia

1 wɔ ho fɛfɛɛfɛ!

Ɛfiri sɛ yɛn nso bɛtena ase bi.

Elisa

12 2 Ah 2.9, 13 Ɛberɛ a wɔde kyinhyia-mframa kataa Elia so no,

ne honhom kɔhyɛɛ Elisa ma.

Na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ ne mmɔho mprenu,

na asɛm biara a ɛfirii n’anom baeɛ biara yɛɛ nnipa nwanwa.

Ne nkwa nna mu nyinaa, amma sɛ ne ho popoo ɔhene bi anim,

anaasɛ obi de ahunahuna baa ne so.

13 2 Ah 13.20, 21 Biribiara nni hɔ a na ɛyɛ den ma no,

na ɛberɛ a na wawuo no, ne nipadua hyɛɛ nkɔm.

14Ne nkwa nna mu no, ɔyɛɛ anwanwadeɛ bebree,

na ne wuo mu no na ne nnwuma yɛ nwanwa.

15Yeinom nyinaa akyi no, nkurɔfoɔ no ansakyera,

anaasɛ wɔannyae wɔn bɔne yɛ,

kɔsii sɛ wɔfaa wɔn sɛ afomdeɛ firii wɔn asase so,

na wɔpetee wɔn wɔ asase no so nyinaa.

Nnipa no dodoɔ bɛkaa kakra bi,

na mmom wɔnyaa ɔhene firii Dawid fie.

16Wɔn mu binom yɛɛ deɛ na ɛtene,

nanso afoforɔ deɛ wɔkɔɔ so ara yɛɛ bɔne.

Hesekia

17Hesekia bɔɔ ne kuro ho ban,

na ɔde nsuo baa ne mfimfini;

ɔde dadeɛ twitwaa aka wɔ ɔbotan mu,

na ɔde sii abura maa nsuo no.

18 2 Ah 18.13-17 Ne berɛ so no, Senakerib tuu ɔman no so sa;

ɔsomaa n’asafohene na ɔfirii hɔ kɔe;

ɔmaa ne nsa so de tiaa Sion,

na ɔkekaa nsɛm akɛseɛ wɔ n’ahantan mu.

19Afei wɔn akoma tui na wɔn nsa popoeɛ,

na wɔn ho dwanee wɔn sɛ mmaa a wɔakɔ awoeɛ.

20Nanso wɔfrɛɛ Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunu no,

trɛtrɛɛ wɔn nsam kyerɛɛ no.

Ɔkronkronni no yɛɛ ntɛm tiee wɔn firii ɔsoro,

na ɔnam Yesaia so gyee wɔn nkwa.

21Awurade bɔɔ Asiriafoɔ nsraban hwee fam,

na ne bɔfoɔ pepaa wɔn firii hɔ.

22Ɛfiri sɛ Hesekia yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani,

na ɔgyinaa agya Dawid akwan so pintinn,

sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ no no,

ɔno a na ɔyɛ okunini ne ɔnokwafoɔ wɔ n’ani so.

Yesaia

23 2 Ah 20.10, 11 Yesaia berɛ so no, owia sanee n’akyi,

na ɔmaa ɔhene no nkwa waree.

24Ɔnam n’akokoɔduro honhom so hunuu daakye,

na ɔkyekyee asufoɔ a wɔwɔ Sion no werɛ.

25Ɔdaa nnoɔma a ɛsɛsɛ ɛba na awieeɛ berɛ no ba no adi,

ne nnoɔma a ahunta adi ansa na aba mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help