1AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm,
na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu.
2 Dwom 84.3 Tie me nteamu,
me hene ne me Nyankopɔn,
na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ.
3AWURADE, tie me nne anɔpa,
anɔpa na masiesie mama woɔ, na mɛhwɛ wo kwan.
4Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne,
ɔbɔnefoɔ ne wo rentena.
5Agyimifoɔ rennyina w’anim,
wotane amumuyɛfoɔ nyinaa.
6Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm.
AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.
7 Dwom 26.8 Na me deɛ, menam w’adom bebree so
mɛba wo fie,
na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre
makyerɛ w’asɔrefie kronkron no.
8AWURADE, fa wo tenenee kyerɛ me kwan,
wɔn a wɔtɛ me nti,
tene wo kwan wɔ m’anim.
9 Rom 3.13 Na wɔn anomu nni nokwasɛm bi,
wɔn yam wɔ mmusuo,
wɔn menewa yɛ ɛda a abue,
na wɔde wɔn tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.
10Onyankopɔn, bu wɔn fɔ,
ma wɔmpɔn mfiri wɔn agyinatuo ho.
Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu,
na wɔasɔre atia wo.
11 Dwom 40.16 Na ma wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ nyinaa ani nnye,
na wɔmfa ahosan nhuro daa,
ɛfiri sɛ woakata wɔn so,
na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.
12 Dwom 103.4 Na wo, AWURADE, wohyira ɔteneneeni,
wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɛkyɛm.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
