Mmebusɛm 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkwagyeɛ ne ɔsɛeɛ

1 Mmb 15.18; 1 Ah 12.13, 16 Mmuaeɛ bɔkɔɔ sianka anibereɛ,

na asɛmdenden hwanyan abufuo mu.

2 Mmb 12.23 Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ,

na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm.

3AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa

rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.

4Tɛkyerɛmabereɛ yɛ nkwa dua,

na emu kyea yɛ honhom mu mmubuiɛ.

5 Mmb 15.32; 13.1 Ogyimifoɔ bu n’agya atenetene animtia,

na deɛ ɔbu nkaanim no ani bɛte.

6Ɔteneneeni fie wɔ ahodeɛ pii,

na ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ mu wɔ anitane.

7Anyansafoɔ ano pete nimdeɛ,

na nkwaseafoɔ akoma deɛ ɛntim.

8 Mmb 15.29; 21.27; 28.9; Gye 4.4-5; Yes 1.11, 15; Luk 18.9-14 Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ,

na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.

9 Mmb 11.20 Ɔbɔnefoɔ kwan yɛ AWURADE akyiwadeɛ,

na deɛ ɔdi tenenee akyi na ɔdɔ no.

10 Mmb 10.17; 29.1 Ntea a emu yɛ den wɔ hɔ ma deɛ ɔpo ɔkwan no,

na deɛ ɔkyiri animka no bɛwu.

11 Hiob 26.6; Dwom 139.8; Yer 17.10 Asamando ne ɔsɛeɛ amena wɔ AWURADE anim,

na nkantom nnipa mma akoma.

12 Mmb 9.8; 13.1 Ɔfɛdifoɔ nnɔ deɛ ɔka n’anim,

ɔnkɔ anyansafoɔ nkyɛn.

13 Mmb 15.15 Anigyeɛ akoma ma anim te,

na akoma mu awerɛhoɔ bubu honhom.

14Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ,

na nkwaseafoɔ ano di agyimisɛm.

15 Mmb 15.13; 17.22 Ɔmanehunufoɔ nna nyinaa yɛ bɔne,

na akoma pa te sɛ daa apontoɔ.

16 Mmb 16.8; 17.1; Dwom 37.16 AWURADE suro mu ade ketewa yɛ

sene ahodeɛ pii a ɔhaw bata ho.

17Ɛfan aduane a ɔdɔ wɔ mu yɛ

sene nantwie a wadɔ na ɔtane wɔ mu.

18 Mmb 15.1; 26.21; 29.22 Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu,

na abodwokyɛrefoɔ pata akayɛ.

19 Mmb 24.30-31 Onihafoɔ kwan te sɛ nkasɛɛ ban,

na teefoɔ kwan yɛ petee.

20 Mmb 10.1 Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye,

na onipa kwasea deɛ ɔbu ne na animtia.

21Agyimisɛm yɛ anigyeɛ ma deɛ ɔnni tire,

na nhunumu nipa tene ne nanteɛ.

22 Mmb 11.14 Wɔkwati agyinakorɔ a, tirimbɔ yɛ ɔkwa,

na agyinatufoɔ pii mu na ɛbɛgyina.

23Onipa anomu mmuaeɛ yɛ anigyeɛ ma no,

na asɛm a wɔka no ne berɛ mu, sɛdeɛ ɛsi yɛ!

24Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefoɔ,

na wakwati Asamando a ɛwɔ aseɛ no.

25AWURADE dwiri ahantanfoɔ fie,

na ɔma okunafoɔ hyeɛ tim.

26Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyiwadeɛ,

na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho te.

27 Dwom 15.5 Amim mu mfasopɛfoɔ sɛe ne fie,

na deɛ ɔkyiri akyɛdeɛ bɛtena ase.

28Ɔteneneeni akoma dwene mmuaeɛ ho,

na abɔnefoɔ ano woro nsɛmmɔne.

29 Mmb 15.8; Yoh 9.31 AWURADE ne abɔnefoɔ ntam ware,

na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.

30 Mmb 25.25 Aniwa so teɛ ma akoma tɔ yam,

atesɛm pa deɛ ɛma nnompe mu dɔre sradeɛ.

31Aso a ɛtie nkwa animka no,

ɛbɛtena anyansafoɔ mu.

32 Mmb 15.5 Deɛ ɔgyaa atenetene mu po ne kra,

na deɛ ɔtie animka no nya akoma.

33 Mmb 1.7; 18.12 AWURADE suro ne nyansa atenetene,

na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help