1 Berɛsosɛm 25 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Adwontofoɔ no kuo ahodoɔ aduonu nnan

1 1 Be 15.19 Nso Dawid ne ɛdom so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔmfa nsankutene ne mmɛnta ne nnawuro so nsom, nhyɛ nkɔm. Na nnipa a na wɔyɛ adwuma no sɛdeɛ wɔn som ne wɔn dodoɔ teɛ nie:

2Asaf mma mu: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela, Asaf mma a wɔhyɛ Asaf aseɛ, ɔno na sɛ ɔhene bisa a ɔhyɛ nkɔm.

3Yedutun deɛ: Yedutun mma ne: Gedalia, Seri, Yesaia ne Simei, Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno na ɔkura sankuten, hyɛ nkɔm, de aseda ne ayeyie ma AWURADE.

4Heman deɛ: Heman mma ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel ne Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti ne Romamti-eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, Mahasiot.

51 Be 21.9; 2 Be 35.15 Yeinom nyinaa ne ɔhene dehunufoɔ Heman mma sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no soɔ no; ɛfiri sɛ Onyankopɔn maa Heman mmammarima dunan ne mmammaa baasa.

6Yeinom nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase AWURADE fie dwontoɔ no mu, kurakura nnawuro, mmɛnta ne nsankutene som Nyankopɔn fie. Asafo ne Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene ase.

7Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwontoɔ no, a wɔawedare mu no ano si ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe.

8 1 Be 24.31 Na wɔtwee ɔhwɛ adwuma no so ntonto pɛ maa wɔn mu nkumaa ne akɛseɛ, animdefoɔ ne asuafoɔ.

9Na ntonto a ɛdi kan no firi maa Asaf de maa Yosef. Gedalia deɛ tɔ so mmienu, ɔne ne nuanom ne ne mma yɛ dummienu.

10Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne: Sakur, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

11Deɛ ɔtɔ so nnan no firi maa Yisri, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

12Deɛ ɔtɔ so nnum ne: Netania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

13Deɛ ɔtɔ so nsia ne: Bukia ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

14Deɛ ɔtɔ so nson ne: Yesarela, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

15Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe ne: Yesaia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

16Deɛ ɔtɔ so nkron ne: Matania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

17Deɛ ɔtɔ so du ne: Simei, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

18Deɛ ɔtɔ so dubaako ne: Asarel, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

19Deɛ ɔtɔ so dummienu ne: Hasabia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

20Deɛ ɔtɔ so dummiɛnsa ne: Subael, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

21Deɛ ɔtɔ so dunan ne: Matitia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

22Deɛ ɔtɔ so dunum ne: Yeremot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

23Deɛ ɔtɔ so dunsia ne: Hanania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

24Deɛ ɔtɔ so dunson ne: Yosbekasa, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

25Deɛ ɔtɔ so dunwɔtwe ne: Hanani, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

26Deɛ ɔtɔ so dunkron ne: Maloti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

27Deɛ ɔtɔ so aduonu ne: Eliata, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

28Deɛ ɔtɔ so aduonu baako ne: Hotir, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

29Deɛ ɔtɔ so aduonu mmienu ne: Gidalti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

30Deɛ ɔtɔ so aduonu mmiɛnsa ne: Mahasiot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

31Deɛ ɔtɔ so aduonu nnan ne: Romamti-eser, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help