Ɔsɛnkafoɔ 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wiase adeɛ nyinaa yɛ adeɛ huhuo

1Dawid ba Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene a ɔwɔ Yerusalem no nsɛm nie.

2Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ;

ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo.

3 Skf 2.22 Mfasoɔ bɛn na onipa nya

ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu?

4 Dwom 90.3 Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ, na awoɔ ntoatoasoɔ ba,

na asase deɛ, ɛtim hɔ daa.

5Owia pue, na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afa a ɛfiri pue hɔ.

6Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam,

na ɛdane ba atifi fam;

ɛde ntwareho kɔ, na ne ntwareho no so

na mframa no nam sane ba.

7Nsubɔntene nyinaa sene kɔ po mu,

nanso ɛpo nyɛ ma ara da.

Faako a nsubɔntene no nenam korɔ no,

ɛhɔ ara na ɛsane kɔ bio.

8 Dwom 90.10 Abrabɔ nyinaa mu yɛ ɔbrɛ nko ara;

obiara ntumi nka;

adehwɛ mmee aniwa,

na asɛnteɛ nso nyɛ aso ma ara da.

9Adeɛ biara a ɛwɔ hɔ no bɛkɔ so ara awɔ hɔ.

Na biribiara a ayɛ no, ɛbɛkɔ so ara ayɛ;

na adeɛ foforɔ biara nni hɔ owia ase.

10Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka no sɛ:

Hwɛ, yei yɛ foforɔ anaa?

Tete nteredee berɛ

a adi yɛn anim no so na ɛbaeɛ.

11Nkaeɛ biara nni hɔ mma kane nnoɔma no,

na daakye nnoɔma a ɛbɛba no nso

rennya nkaeɛ biara,

deɛ ɛbɛdi akyire aba no nkyɛn.

12 Skf 1.1 Me ɔsɛnkafoɔ, madi Israel so hene Yerusalem;

13Mede m’akoma mama sɛ mede nyansa bɛbisa na mahwehwɛ nnoɔma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato adasamma soɔ sɛ wɔmmfa mu no.

14Mehunuu nnwuma a wɔyɛ no owia ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

15 Skf 7.13 Deɛ akyea no, wɔntumi ntene,

na deɛ ate aka mu no, wɔntumi nkan.

16Me ne m’akoma kasaa sɛ: Me deɛ, hwɛ, mama me nyansa aso ayɛ bebree sene wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa, na m’akoma ahunu nyansa ne nimdeɛ a ɛdɔɔso.

17Skf 2.12; 7.25 Na mede m’akoma nyinaa hwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahunu adammɔ ne nkwaseasɛm, nanso mahunu sɛ yei nso yɛ dadwene hunu.

18Na nyansa dodoɔ mu wɔ ɔhaw dodoɔ,

na deɛ ɔtia nimdeɛ no ti awerɛhoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help