Yakobo 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyiyimu ho kɔkɔbɔ

1 1 Ko 2.8 Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra.

2Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atadeɛ fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atadeɛ tantan ba hɔ,

3na mohwɛ deɛ ɔhyɛ atadeɛ fɛfɛ no, na moka sɛ: Wo deɛ, tena deɛ ɛyɛ ha! na moka kyerɛ ohiani no sɛ: Wo deɛ, gyina nohoa anaasɛ tena me nan ase adwa ho ha! a,

4ɛno ɛnyɛ paeɛ na mopaepae mo mu, na moayɛ adwemmɔne atemmufoɔ?

5 1 Ko 1.26; Luk 12.21 Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?

6Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?

7Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne?

8Lew 19.18 Enti sɛ mohyɛ adehyeɛ mmara no ma, sɛdeɛ atwerɛ no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, no a, moyɛ no yie.

9Deut 1.17 Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne, na mmara no yi mo atɛn sɛ mmaratofoɔ.

10 Mat 5.19 Na deɛ ɔbɛdi mmara no soɔ na ɔbɛto baako mpo no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.

11Eks 20.13-14 Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ no, ɔkaa nso sɛ: Nni awu! Na sɛ wonsɛe awadeɛ na wodi awu a, na woayɛ mmara no tofoɔ.

12Yak 1.25 Monka saa na monyɛ saa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedie mmara no so rebɛbu wɔn atɛn no.

13Mat 5.7; 18.30; 18.34; 25.45-46 Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.

Gyidie ne nnwuma

14 Mat 7.21 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie, nanso ɔnni nnwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? Gyidie bɛtumi agye no anaa?

15Na sɛ onua anaa onuabaa da adagya, na daa aduane abɔ wɔn,

161 Yoh 3.17 na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ, mo ho nyɛ mo hye na mommee, nanso moamma wɔn deɛ ɛhia honam a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu?

17Sɛ gyidie nso teɛ ne no. Sɛ ɛnni nnwuma a, na awu wɔ ne nko ara fam.

18 Gal 5.6 Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.

19Wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ baako. Woyɛ no yie; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.

20Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wɔkyerɛ wo sɛ gyidie a adwuma nni ho awu anaa?

21Gye 22.9-10; 22.12 Ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔrebukyia soɔ no?

22Woahunu sɛ ne gyidie ne ne nnwuma na ɛyɛɛ adeɛ, na ɛfiri nnwuma no mu na gyidie no wiee pɛyɛ,

23Gye 15.6; Yes 41.8 na atwerɛ a ɛse: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wɔbuu ɛno tenenee maa no, na wɔfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo no baa mu.

24Mohunu sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbu onipa bem, na ɛmfiri gyidie nko ara mu.

25Heb 11.31; Yos 2.4; 2.15 Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu odwamamfoɔ Rahab bem, sɛ ɔgyee abɔfoɔ no na ɔmaa wɔfaa kwan foforɔ so kɔeɛ no anaa?

26Yak 2.17 Na sɛdeɛ nipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nnwuma nni mu awuo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help