2 Berɛsosɛm 17 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yehosafat ahennie pa

1 1 Ah 15.24 Na ne ba Yehosafat bɛdii n’adeɛ, na ɔhyɛɛ ne ho den ne Israel dii asie.

2Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifoɔ duaduaa Yuda asase so, ne Efraim nkuro a n’agya Asa gyeeɛ no mu.

3Na AWURADE dii Yehosafat akyi, ɛfiri sɛ ɔnantee n’agya Dawid kane akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,

4na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnanteeɛ, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛɛ no.

52 Be 18.1 Na AWURADE maa n’ahennie no timii wɔ ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛdeɛ brɛɛ Yehosafat, na ɔnyaa adedodoɔ ne animuonyam bebree.

6Na ɔnyaa AWURADE akwan mu akoma pa; na afei ɔyiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua no firii Yuda.

7Na n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔsomaa n’asafohene Ben-hail ne Obadia ne Sakaria ne Netanel ne Mikaia sɛ wɔnkɔ nkɔkyerɛkyerɛ Yuda nkuro mu.

8Na Lewifoɔ Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya ka wɔn ho, na Asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso ka wɔn ho.

9Na wɔkɔkyerɛkyerɛɛ Yuda; na wɔkura AWURADE mmara nwoma no, kyinii Yuda nkuro nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ ɔman no mu.

10Na AWURADE ho hu baa nsase a ɛtwa Yuda ho hyia no ahennie nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako.

111 Ah 4.21 Na wɔfiri Filistifoɔ mu nso de ayɛyɛdeɛ ne apeatoɔ dwetɛ brɛɛ Yehosafat, Arabiafoɔ mpo de nnwan brɛɛ no, adwennini mpemnson ahanson ne mpapo nso mpemnson ahanson.

12Na Yehosafat kɔɔ so yɛɛ kɛse pa ara, na ɔtotoo aban ne aduanekora nkuro Yuda.

13Na ɔwɔ adwuma bebree Yuda nkuro mu, na akofoɔ, mmarima a wɔtumi wɔn ho, Yerusalem.

14Na wɔn dodoɔ sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ nie: Yuda mu mpem mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahasa ka ne ho.

15Na ɔno so na ɔsafohene Yehohanan die, na nnipa mpemahanu aduɔwɔtwe ka ne ho.

16Na ɔno so na Sikri ba Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE som kwa no die, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahanu ka ne ho.

17Na Benyamin mu: Ɔbarima a ɔtumi ne ho Eliada, na nnipa mpemahanu a wɔkura ntadua ne akyɛm ka ne ho.

18Na ɔno so na na Yehosabad die, na nnipa mpemha aduɔwɔtwe a wɔamia sɛdeɛ wɔrekɔ sa ka ne ho.

19Yeinom ne wɔn a wɔsom ɔhene no, ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn duaduaa Yuda nyinaa mu nkuro a ɛyɛ den no mu no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help