2 Samuel 21 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Gibeonfoɔ tɔ Saulo so were

1Na ɛkɔm bi baa Dawid berɛ so mfeɛ mmiɛnsa, afe toa afe so. Na Dawid kɔbɔɔ AWURADE anim mpaeɛ. Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no.

2Yos 9.15, 19 Ɛno nti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ no. Nso na Gibeonfoɔ no mfiri Israelfoɔ mu, na mmom wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛ no bi, — na Israelfoɔ aka ntam akyerɛ wɔn sɛ wɔrenkum wɔn, nanso Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔku wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ maa Israel ne Yudafoɔ no mu.

3Ɛnna Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ mma mo? Na ɛdeɛn na memfa mpata mo na moahyira AWURADE agyapadeɛ?

4Na Gibeonfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ dwetɛ anaa sika asɛm na yɛne Saulo ne ne fiefoɔ wɔka, ɛnna ɛnyɛ Israel mu obi na yɛrepɛ no aku no. Na ɔse: Ɛdeɛn na mose menyɛ mma mo?

5Na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔbarima a ɔdwerɛɛ yɛn a ɔtuu yɛn tiri so agyina sɛ wɔnsɛe yɛn na yɛannya Israel asase biara so antena no,

6Num 25.4 ma wɔmfa ne mma mu mmarima nson mma yɛn, na yɛnsensɛne wɔn mma AWURADE wɔ Saulo a AWURADE faa no no kuro Gibeon mu. Na ɔhene kaa sɛ: Mɛma.

71 Sa 20.15-17 Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntamu, na ɛda Dawid ne Saulo ba Yonatan ntamu no nti, ɔhene hunuu Saulo ba Yonatan ba Mefiboset mmɔbɔ.

8 2 Sa 3.7; 1 Sa 18.19 Na ɔhene faa Aia babaa Rispa mmammarima mmienu a ɔwo maa Saulo, Armoni ne Mefiboset ne Saulo babaa Mikal mmammarima nnum a ɔwo maa Meholatni Barsilai ba Adriel no,

9na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfoɔ no nsa, na wɔsensɛnee wɔn bepɔ no so AWURADE anim, na wɔn nnipa nson no totɔɔ prɛko. Na wɔkumm wɔn twaberɛ nna a ɛdi kan mu, atokoɔtwa mfitiaseɛ mu.

10Na Aia babaa Rispa faa ayitoma de sɛɛ ɔbotan no so deɛ amu no wɔ no fae firii twaberɛ mfitiaseɛ no kɔsii sɛ osuo firi soro guguu wɔn soɔ, na wamma ewiem nnomaa ammɛsisi wɔn so awia, na wiram mmoadoma nso amma wɔn so anadwo.

11Na wɔbɛkaa deɛ Aia ba Rispa, Saulo mpena no yɛeɛ no kyerɛɛ Dawid.

121 Sa 31.12 Na Dawid kɔ kɔgyee Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yabes-gileadfoɔ nsam, na wɔn na wɔkɔwiaa no Bet-san abɔntene soɔ, deɛ Filistifoɔ de wɔn sensɛnee da a Filistifoɔ kumm Saulo wɔ Gilboa no,

13na ɔde Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii hɔ bae, na wɔboaboaa ano kaa wɔn a wɔsensɛnee wɔn no nnompe ho.

142 Sa 24.25 Na wɔsiee Saulo ne ne ba Yonatan nnompe Benyamin asase so wɔ Sela, n’agya Kis da mu; na wɔyɛɛ deɛ ɔhene hyɛɛ wɔn no nyinaa; na ɛno akyiri no Onyankopɔn dom asase no.

Filistifoɔ so nkonimdie

15Na Filistifoɔ ne Israel dii ako bio. Na Dawid ne ne nkurɔfoɔ siane kɔnee Filistifoɔ no koe; na Dawid brɛe.

16Na Yisbi-benob a ɔyɛ abrane mma mu bi a ne pea duro kari kɔbere mfrafraeɛ nnwetɛbena ahasa na ɔde nkrantɛ foforɔ abɔ n’asene no kaa sɛ ɔrebɛkum Dawid.

172 Sa 23.18 Na Seruia ba Abisai boaa no, na Dawid bɔɔ Filistini no kumm no. Ɛno na Dawid mmarima no kaa ntam sɛ: Wo ne yɛn remfiri nnkɔ ɔsa bio, na wɔannum Israel kanea.

18 1 Be 20.4-8 Yei akyiri no, wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Saf a ɔyɛ abrane mma mu bie no.

191 Sa 17.7 Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Na Betlehemni Yaare-oregim ba Elhanan kumm Gitini Goliat a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

20Na ɔko baa bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ɔwɔ nsateaa ne nansoaa nsia nsia ma ano si aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no bi ba.

211 Sa 17.10 Na ɔretwitwa Israel mpoa no, Dawid nua Simei ba Yonatan kumm no.

22Nnipa baanan yi yɛ Gat abrane no bi mma a wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help