1Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no,
2Dwom 2.8; Yoh 1.3; Kol 1.16 nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.
32 Ko 4.4; Kol 1.15; Heb 9.14; 9.26; Mar 16.19 Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,
4Flp 2.9 na wakyɛne abɔfoɔ no mmoroso, sɛdeɛ ne din kunini a wanya no kyɛne wɔn deɛ no.
Kristo yɛ Nyankopɔn ba, na abɔfoɔ yɛ n’asomfoɔ5 Dwom 2.7; 2 Sa 7.14 Na abɔfoɔ mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ:
Me ba ne wo,
me na mawo wo nnɛ,
na bio:
Mɛyɛ no Agya,
na ɔno nso ayɛ me ɔba?
6 Rom 8.29; Dwom 97.7 Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse:
Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no!
7 Dwom 104.4 Na abɔfoɔ no ho deɛ, ɔse:
Ɔyɛ n’abɔfoɔ mframa
ne n’asomfoɔ, ogyaframa,
8 Dwom 45.6-7 na ɔba no ho deɛ, ɔse:
Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem,
w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.
9Wodɔ tenenee, na wokyiri amumuyɛ
enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn,
de ahosan ngo asra woɔ asene wo mfɛfoɔ.
10 Dwom 102.25-27 Na:
Awurade, mfitiaseɛ no, wotoo asase fapem,
na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.
11Yeinom bɛsɛe, nanso wo deɛ, wowɔ hɔ ara,
na ne nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,
12na wobɛbobɔ wɔn sɛ firatam,
na wɔasakyera wɔn sɛ atadeɛ.
Na wo deɛ, wote sɛ deɛ wote ara,
na wo mfeɛ renhi da.
13 Dwom 110.1 Na abɔfoɔ no mu hwan ho na waka pɛn sɛ:
Tena me nifa so
kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ?
14 Dan 7.10; Dwom 34.7; 91.11 Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
