1Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ:
2Ɛnkɔsi berɛ bɛn na wobɛka yeinom,
na w’anomu nsɛm bɛyɛ sɛ mframa denden yi?
3 Hiob 34.10 Onyankopɔn bɛkyea atemmuo
anaasɛ Otumfoɔ bɛkyea tenenee?
4 Hiob 1.18-19 Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a,
wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam.
5Sɛ wo ara wohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan,
na wokoto srɛ Otumfoɔ no,
6 Dwom 35.23 sɛ wo ho te na wotene a,
ampa ara ɔbɛkanyan ne ho ama wo,
na wama wo tenenee tenabea no adi yie.
7 Hiob 42.10 Na sɛ mpo wo mfitiaseɛ yɛ ketewa a,
w’awieeɛ bɛso kokuroo.
8Mesrɛ wo, bisa awoɔ ntoatoasoɔ ɛ,
na ma w’akoma mmra deɛ wɔn agyanom ahwehwɛ ahunu no so.
9 Dwom 102.12 Na yɛn deɛ, nnora nko ara na yɛfiri hɔnom,
na yɛnnim hwee, ɛfiri sɛ yɛn nna te sɛ sunsum asase so.
10Ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ woɔ anaa,
na wɔayiyi nsɛm afiri wɔn akoma mu?
11Nkyɛkyerɛ fifiri deɛ ɔwora nnie, anaasɛ
mmɛwa bɛma ne ho so deɛ nsuo nnie?
12Ɛda so wɔ ne frɔmfrɔmyɛ mu a wɔntwaeɛ no,
ɛdi wura nyinaa anim kusa.
13 Hiob 11.20; 18.14; Mmb 10.28 Saa ara na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa akwan teɛ,
na ɔbɔnefoɔ anidasoɔ bɛyera,
14ɛfiri sɛ wɔtwa deɛ ɔde ne ho to soɔ,
na n’anidasoɔ yɛ ananse ntentan.
15Ɔtwere ne dan, na ɛrennyina,
ɔkura mu, nso ɛrentena hɔ.
16Ɔyɛ frɔmfrɔm owia ano,
na ne mman yiyi kata ne turo so,
17ne nhini mantammantam aboɔkuo ho,
ɔhyɛne aboɔ ntam.
18Sɛ wɔsɛe no firi ne tenabea a,
ɛpa no ka sɛ: Menhunuu wo da.
19Hwɛ, sɛdeɛ ne kwan ho ahosɛpɛ teɛ ne no,
na mfuturo no mu na afoforɔ fifire.
20Hwɛ, Onyankopɔn mpo deɛ ɔdi mu,
na abɔnefoɔ nso, ɔnsɔ wɔn nsa.
21 Dwom 126.2 Ɔde sereɛ bɛhyɛ w’anomu ma,
na wama ahurisie nne afa w’anofafa mu.
22W’atamfo bɛfira aniwuo,
na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
