Marko 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Awaregyaeɛ ho asɛmmisa(Mateo 19.1-9)

1 Kristo hyira mmɔfra(Mateo 19.13-15; Luka 18.15-17)

13Na wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na n’asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde wɔn baeɛ no anim.

14Na Yesu hunuiɛ no, anyɛ no abodwo, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mmɔfra no kwan, na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea.

15 sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!

25Ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.

26Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so; na wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa?

27Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.

28Na Petro fitii aseɛ see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi.

29Na Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ obiara nni hɔ a wagya efie anaa nua mmarimanom, anaa nua mmaanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa nsase, me ne asɛmpa no nti,

30na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu.

31Na adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa(Mateo 20.17-19; Luka 18.31-34)

32 Nyankopɔn ahennie mu dibea(Mateo 20.20-28)

35Na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ woɔ no, woyɛ ma yɛn.

36Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?

37Na wɔsee no sɛ: Deɛ yɛ ma yɛn ne sɛ: Ma yɛn mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako ntena wo benkum, w’animuonyam mu.

38

41Na edu no teeɛ no, Yakobo ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo.

42Onifirani Bartimeo adehunu(Mateo 20.29-34; Luka 18.35-43)

46Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.

47Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ɔfitii aseɛ teaa mu sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ!

48Na nnipa pii kaa n’anim sɛ ɔmmua n’ano; nanso ɔno deɛ, ɔkɔɔ so teateaa mu denden sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

49Na Yesu gyina kaa sɛ: Momfrɛ no! Na wɔfrɛɛ onifirani no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo!

50Na ɔtoo ne ntoma gui sɔre baa Yesu nkyɛn.

51Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ? Na onifirani no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!

52Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidie agye wo! Na ntɛm ara ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi ɔkwan no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help