Deuteronomium 32 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Mose dwom no

1 dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie;

woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru;

na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,

na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.

16Wɔde ananafoɔ anyame maa no twee ninkunu,

wɔde akyiwadeɛ huruu ne bo.

17Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn,

anyame a wɔnni wɔn,

afoforɔ a ɛbaa akyire yi

na wɔn nananom amfɛre wɔn.

18Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho,

na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.

19Na ne mmabanin ne ne mmammaa ho ahi nti

AWURADE hunuiɛ no, ɔpoo wɔn,

20na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn,

mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie,

na awoɔ ntoatoasoɔ kontonkyi ne wɔn,

mma a nokorɛ nni wɔn mu.

21 Yer 2.11; Rom 10.19 Wɔn deɛ, wɔde deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn maa metwee ninkunu,

wɔde wɔn adehuhuo yii me abufuo.

Na me nso mede deɛ ɛnyɛ ɔman bɛma wɔatwe ninkunu,

mede ɔman nkwaseafoɔ bi na ɛbɛyi wɔn abufuo.

22Na ogya asɔ m’abufuo mu,

na ɛredɛre akɔduru Asamando aseɛ,

na ɛrehye asase ne ne nnɔbaeɛ,

na ɛde ogya ato mmepɔ nnyinasoɔ mu.

23 Dwom 91.5 Mɛboaboa mmusuo ano agu wɔn so,

mɛhwere m’agyan wɔ wɔn so.

24Ɛkɔm bɛfɔn wɔn,

na ahoɔhyeɛ yadeɛ yaya

bɛmene wɔn;

na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu,

ne mfuturo mu awɔ borɔ.

25Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so,

na ehu aku wɔn mpia mu,

aberanteɛ ne ababaa,

akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.

26Anka mese: Mɛhu wɔn agu,

mɛma wɔn nkaeɛ to atwa afiri nnipa mu,

27sɛ ɛnyɛ ɔtamfoɔ ahiyie na mesuro a,

na wɔn ahohiahiafoɔ annane me nsusuiɛ yi ani,

na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim

na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ yei nyinaa.

28 Yes 27.11; Yer 4.22 Na wɔyɛ ɔman a afotuo abɔ wɔn,

na nhunumu bi nni wɔn mu.

29Sɛ wɔyɛ anyansafoɔ a, anka wɔbɛte yei ase,

na wɔahunu wɔn awiekyire.

30 Lew 26.8, 36, 37 Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn

na AWURADE ayi wɔn ama a,

anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem,

na baanu ama mpemdu adwane?

31Ɛfiri sɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan,

na yɛn atamfoɔ mpo bu atɛn saa.

32Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fire,

ɛne Gomora mfofowa so;

wɔn aba yɛ ɛborɔ aba,

wɔso esia esia a ɛyɛ nwono;

33wɔn nsa yɛ atweaseɛ borɔ

ne nhuritia borɔ a ano yɛ den.

34 Deut 29.29 Wɔnkoraa yeinom wɔ me nkyɛn,

na wɔnsɔɔ ano wɔ m’adekorabea?

35 Dwom 94.1; Rom 12.19; Heb 10.30 Me na aweretɔ ne akatua wɔ me,

ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no.

Na wɔn dwɛreɛ da abɛn,

na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.

36 1 Ah 14.10 Na AWURADE bɛbu ne man atɛn,

na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ,

berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa,

na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.

37Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ,

ɔbotan a wɔde wɔn ho too soɔ no?

38 Ate 10.14 Wɔn a wɔdii wɔn afɔdeɛ sradeɛ,

na wɔnom wɔn ahwiesa no?

Ma wɔnsɔre mmɛboa mo,

ma wɔnyɛ mo so nkatasoɔ.

39 Deut 4.35; Yes 45.5; Eks 15.26; 1 Sa 2.6; Hiob 5.18; Hos 6.1-2 Afei monhunu sɛ me ara mene no,

na onyame biara nka me ho.

Me na mekum, na mema nkwa,

mepira, na mesa,

na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.

40 Eks 6.8; Hes 33.11 Na mema me nsa so mekɔ soro,

na mese: Sɛ mete ase daa yi!

41Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no

na me nsa sɔ atemmuo mu a,

mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were,

na matua m’atamfoɔ ka.

42Mɛma m’agyan aboro mogya,

na me nkrantɛ adi nam,

atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,

ɔtamfoɔ tiri a apɛsɛ no.

43 Rom 15.10 Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese,

ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were,

na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka,

na wapata ama n’asase, ne man.

44Na Mose ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no aso mu, ɔno ne Nun ba Yosua.

45Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no,

46Deut 6.7 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.

47Lew 18.5 Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔdi soɔ no so.

Onyankopɔn soma Mose Nebo bepɔ so

48Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ:

49Num 27.12; 33.48 Kɔforo Abarim bepɔ yi, Nebo bepɔ a ɛwɔ Moab asase soɔ, Yeriko ntentensoɔ no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ sɛ wɔmfa no.

50Num 20.23-29 Na wu wɔ bepɔ a woreforɔ akɔ soɔ no so, na ti wo nananom wɔ asamando, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu Hor bepɔ soɔ na ɔkɔkaa ne nananom ho no,

51Num 20.12-13 ɛfiri sɛ mofomm me Israelfoɔ mu, ɔham nsuo a ɛwɔ Kades, Sin serɛ soɔ ho, ɛsiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfoɔ mu.

52Deut 34.4 Na wobɛhunu asase no w’anim, na korɔ deɛ, worenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help