1 Heb 4.14 Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ ahennwa no nifa, ɔsoro
2sɛ kronkronbea ne nokorɛ ntomadan a Awurade no ara, na ɛnyɛ onipa, pameeɛ no mu sɔfoɔ.
3 Heb 5.1 Na ɔsɔfo panin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma.
4Na sɛ ɔwɔ asase so deɛ a, anka ɔnyɛ ɔsɔfoɔ mpo, ɛfiri sɛ asɔfoɔ a wɔde ayɛyɛdeɛ ma, sɛdeɛ mmara no teɛ, wɔ hɔ dada.
5Kol 2.17; Eks 25.40 Wɔn na wɔsom ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ ne mfonini, te sɛdeɛ asɛm a berɛ a Mose rebɛsiesie ntomadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ɛse: Hwɛ, yɛ ade nyinaa sɛdeɛ nsususoɔ a wɔkyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ.
6 Heb 7.22; 12.24; 2 Ko 3.6 Na afei ne nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛne soɔ, sɛ wayɛ apam a ɛkyɛne soɔ a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛne soɔ so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafoɔ.
Apam foforɔ bɔhyɛ7Na sɛ kane apam no ho nni asɛm a, anka wɔrenhwehwɛ deɛ ɛtɔ so mmienu toberɛ.
8Yer 31.31-34; Heb 10.16-17 Na ɔnunu wɔn sɛ:
Hwɛ, nna bi reba, Awurade na ɔseɛ,
sɛ me ne Israel fie
ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ,
9 Eks 19.5-6 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ
da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn mefirii Misraim asase soɔ no;
ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔantena m’apam mu,
na me nso mannwene wɔn ho, Awurade na ɔseɛ.
10Na yei ne apam a
nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ:
Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,
na matwerɛ no wɔn akoma mu,
na mayɛ wɔn Nyankopɔn,
na wɔn nso ayɛ me ɔman.
11Na obi renkyerɛkyerɛ ne kuromani,
obi renkyerɛkyerɛ ne nua sɛ: Hunu Awurade!
Na wɔn nyinaa bɛhunu me
afiri wɔn mu akumaa so akɔsi ɔkɛseɛ so.
12Na mɛdom wɔn amumuyɛ ho,
na wɔn bɔne deɛ, merenkae bio.
13 Rom 10.4 Deɛ ɔka sɛ “foforɔ” yi no, ɔde ayɛ kane deɛ no dada, na deɛ ɛreyɛ dada na ɛretwa mu no, aka kakra na ayera.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
