1 Dwom 77.7; Hab 1.2 Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa?
Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn?
2Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea,
na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam?
Me tamfo nhoran me so nkɔsi da bɛn?
3Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn,
te m’ani, na manna owuo nna,
4na me tamfo anka sɛ: Matumi no,
na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie.
5Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so,
m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,
6 Dwom 9.14 mɛto AWURADE dwom
sɛ ɔne me adi no yie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
