2 Timoteo 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Amanehunu berɛ

1 1 Ti 4.1 Na hunu yei sɛ, nna a ɛdi akyire mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba.

2Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn,

3wɔn a wɔnni tema, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ soɔ, wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ, wɔn a wɔmpɛ papa,

4Flp 3.19 afatwafoɔ, akakabenfoɔ, wɔn a wɔhoran, wɔn a wɔdɔ anigyedeɛ sene Onyankopɔn,

5Mat 7.15; 7.21; Tito 1.16 wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!

6 Mat 23.14; Tito 1.11 Na yeinom mu bi ne wɔn a wɔnam aseɛ hyɛnehyɛne afie mu, na wɔfa mmaa adwenemharefoɔ a bɔne adɔre ahyɛ wɔn soɔ, a akɔnnɔ ahodoɔ keka wɔn no nnommum,

7wɔn a wɔsua daa, nanso wɔntumi nhunu nokorɛ no da.

Kyiri a wɔkyiri nokorɛ

8 Eks 7.11; 7.22 Na sɛdeɛ Yane ne Yambrɛ ne Mose dii asie no, saa ara na yeinom nso ne nokorɛ no di asie. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛeɛ; wɔmfra wɔ gyidie fam.

9Nso wɔrenkɔ wɔn anim pii biara, na wɔn gyimi bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛdeɛ wɔn deɛ no nso yɛeɛ no.

Paulo amanehunu

10Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidie, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ,

11Aso 13.50; 14.5; 14.19; Dwom 34.19 me taa a wɔanya me ntaaeɛ, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na megyinaa mu, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.

12Mat 16.24; Aso 14.22 Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.

131 Ti 4.1 Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn.

Ɔkae Timoteo ne mmɔfraase adesua

14 2 Ti 2.2 Na wo deɛ, tena deɛ woasua no na woahunu afiri nokorɛ no mu. Wonim onii ko a wosua firii ne nkyɛn no,

15Yoh 5.39 na wofiri wo mmɔfraase nim atwerɛ kronkron no a ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie soɔ akɔ nkwagyeɛ mu.

162 Pe 1.19-21 Atwerɛ nyinaa firi Nyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu nteteeɛ.

171 Ti 6.11 Na Nyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help