Ɔsɛnkafoɔ 8 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nnisoɔ ho setie

1Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ no,

na hwan na ɔnim asɛm ase kyerɛ?

Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn,

na n’anim denyɛ sakyera.

2Mese Di ɔhene anomu asɛm so, na ɛsiane Onyankopɔn ntam a woaka no nti, ɛmma no nnha wo;

3firi n’anim kɔ; sɛ asɛm no nyɛ dɛ a, ntwentwɛn wo nan ase,

4ɛfiri sɛ ɔyɛ deɛ ɛsɔ n’ani biara. Ɔhene anomu asɛm biara di mu, na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

5Deɛ ɔdi mmara asɛm soɔ no nnim asɛmmɔne biara, na onyansafoɔ akoma nim berɛ ne atemmuo.

6Skf 3.1 Na ɛberɛ ne atemmuo wɔ hɔ ma nneyɛɛ nyinaa, na onipa bɔne dɔɔso ne so ma no.

7Skf 10.14 Na obi nni hɔ a ɔnim deɛ ɛbɛba, na sɛdeɛ ɛbɛba no, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no?

8Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde bɛsi honhom no kwan, na owuda so tumi nni hɔ, na ɛkwanma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfoɔ mfiri mu mfi.

Ɛwie ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ pɛ

9Yei nyinaa mahunu na mede m’akoma ato adwuma a wɔyɛ no owia ase nyinaa so: Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa di onipa so tumi ma no dane no ɔhaw.

10Na saa nso na mehunuu abɔnefoɔ a wɔsiee wɔn; na berɛ a na wɔte aseɛ no, na wɔdi kronkronbea hɔ ahyɛmfire na wɔkamfoo wɔn wɔ kuro a wɔdii bɔne wɔ mu no ara mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

11Hiob 35.15 Sɛ nneyɛɛ bɔne ho afobusɛm mma mu ntɛmntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔ ayɛ wɔn akoma ma.

12Dwom 73.17-26 Sɛ ɔdebɔneyɛni di asɛmmɔne mprɛha na ɔtena hɔ kyɛre a, ɛnyɛ dɛn ara a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn na wɔfɛre no no yie.

13Na ɛrenwie ɔbɔnefoɔ yie, na ɔremma ne nna nkyɛ, ɔte sɛ sunsum, ɛnam sɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ntira.

14 Skf 7.15 Ahuhudeɛ bi nso wɔ asase so; sɛ ateneneefoɔ bi wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata abɔnefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn, na abɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata ateneneefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn. Mekaa sɛ yei nso yɛ ahuhudeɛ.

15Skf 2.24 Ɛnna mekamfoo anigyeɛ, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ ɔdidi na ɔnom na n’ani gye, na yei ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ama no owia aseɛ no mu.

16Mede m’akoma mehwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahwɛ ɔbrɛ adwuma a wɔyɛ no asase soɔ no, sɛ awia ne anadwo mpo onipa nnya nna, n’aniwa mu no,

17Skf 3.11 ɛnna mehunuu Nyankopɔn nneyɛɛ nyinaa, sɛ onipa ntumi nhunu nnoɔma a wɔyɛ no owia aseɛ no, sɛdeɛ onipa bɛbrɛ de ahwehwɛ, nanso ɔrenhunu, na sɛ onyansafoɔ nso ka sɛ ɔbɛhunu a, ɔrentumi nhunu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help