Nnwom 98 - Twer? Kronkron(ASWDC)

AWURADE rebaDwom.

1 Dwom 33.3 Monto dwom foforɔ mma AWURADE,

na wayɛ anwanwadeɛ,

ne nifa ne ne basa kronkron

adi nim ama no.

2AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛ,

wayi ne tenenee adi, amanaman anim.

3 Yes 52.10 Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ

ama Israel fie,

asase ano nyinaa ahunu

yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.

4Nsase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE,

monteam nni ahurisie nto ayeyie dwom.

5Monto dwom mma AWURADE sankuo so,

sankuo ne dwontoɔ nne so.

6 Num 23.21 Momfa totorobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose,

Ɔhene AWURADE anim.

7 Dwom 96.11-13 Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo,

wiase ne wɔn a wɔte mu.

8Ma asuo akɛseɛ mmobɔ nsam,

mmepɔ mmom nni ahurisie,

9AWURADE anim,

na ɔreba abɛbu asase atɛn.

Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu,

ne aman wɔ atɛntenenee mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help