Yeremia 34 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Sedekia ho nkɔmhyɛ

1Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa ne asase a ɛwɔ ne tumi aseɛ no so ahennie nyinaa ne aman no nyinaa aba rebɛne Yerusalem ne ne nkuro nyinaa ako no se:

2Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ na ɛne Yudahene Sedekia nkɔkasa, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Babel hene nsa, na ɔde ogya ahye.

3Yer 32.4 Na wo ara nso, woremfiri ne nsa mfi, na kyere na wɔbɛkyere wo de wo ahyɛ ne nsa, na wode w’ani bɛhunu Babel hene ani, na n’ano ne wo akasa, na woakɔ Babel.

4Yer 52.11 Nanso tie AWURADE asɛm, Yudahene Sedekia! Sɛ AWURADE ka no wo ho nie: Worenwu afena ano.

52 Be 16.14; Yer 22.18 Asomdwoeɛ mu na wobɛwuo, na sɛdeɛ wɔhyehyee ohwan adeɛ maa w’agyanom, akane ahemfo a wɔdii w’anim no no, saa ara na wɔbɛhye ama woɔ, na wɔatue wo so su sɛ: Ao, Owura! Na asɛm yi, me na maka, AWURADE asɛm nie.

6Ɛnna Odiyifoɔ Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem.

72 Ah 25.1 Saa berɛ no, na Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na na ɛnonom ne nkuro a ɛyɛ den a aka, Yuda nkuro mu.

Ahofadie afe no sɛeɛ

8 Yer 34.14 Asɛm a ɛdi soɔ yi firi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no, na Ɔhene Sedekia ne ɔman a ɛwɔ Yerusalem no nyinaa apam sɛ wɔmpae ahofadie mma wɔn,

9sɛ wɔmma obiara akoa ne obiara afenaa a wɔyɛ Hebrifoɔ mfa wɔn ho nni, na obiara anni ne nua a ɔyɛ Yudani nya.

10Na mmapɔmma no ne ɔman a wɔkɔɔ apam no mu, sɛ wɔn mu biara bɛma n’akoa ne n’afenaa afa wɔn ho adie, na obiara anni wɔn nya bio no nyinaa tiee, wɔtiee na wɔgyaagyaa wɔn.

11Na ɛno akyiri no wɔsanee, na wɔmaa wɔn nkoa ne wɔn mfenaa a wɔgyaa wɔn maa wɔfaa wɔn ho diiɛ no sane bae, na wɔhyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ nkoa ne mfenaa.

12Ɛnna AWURADE asɛm firi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ:

13Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me ne mo agyanom pamm da a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no sɛ:

14Eks 21.2; Deut 15.12 Mfeɛ nson awieeɛ no, mo mu biara nnyaa ne nua Hebrini a wɔatɔn no ama no no, na sɛ ɔsom wo mfeɛ nsia a, gyaa no ma no mfiri wo nkyɛn mfa ne ho nkɔdi. Na mo agyanom antie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase.

15Na mo deɛ, nnansa yi modanee, na moyɛɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, sɛ mopaee ahofadie a obiara bɛma ne yɔnko kwan, na mopamm m’anim, efie a wɔde me din atoɔ no mu.

16Na moasane akɔgu me din ho fi, na mo nyinaa amema mo nkoa ne mo mfenaa a mogyaa wɔn kwan maa wɔfaa wɔn ho kɔdii sɛ wɔn kra pɛ no sane bae, na mohyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ mo nkoa ne mfenaa.

17Saa nti sɛ AWURADE seɛ nie: Mo deɛ, montiee me, sɛ mobɛpae ahofadie a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadie ama mo, AWURADE asɛm nie: Mede mo mama afena ne owuyadeɛ ne ɛkɔm, na mama asase so ahennie nyinaa adwan mo ho.

18Gye 15.10, 17 Na mmarima a wɔato m’apam, na wɔamma apam a wɔpamm m’anim no nsɛm no antim no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu, na wɔfaa n’afaafa no ntam no,

19Yuda mmapɔmma ne Yerusalem mmapɔmma, mpiafoɔ ne asɔfoɔ no ne asase no so nkurɔfoɔ a wɔfaa nantwie ba no afaafa no ntam no nyinaa,

20Yer 7.33 na mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfoɔ nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, na wɔn afunu ayeyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.

21Na Yudahene Sedekia ne mmapɔmma no, mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, ne Babel hene dɔm a wɔafiri mo ho korɔ yi no nsa.

22Yer 37.8 Hwɛ, merehyɛ, AWURADE asɛm nie, na mama wɔasane aba kuro yi ho abɛne no ako, na wɔagye, na wɔde ogya ahye, na mama Yuda nkuro adane amamfo a obi nte mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help