Yesaia 6 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Odiyifoɔ no frɛ ne ne hyɛ

1 Yoh 12.41 Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.

2Serafim gyinagyina ne nkyɛn. Wɔn mu biara wɔ ntaban nsia. Wɔn mu biara de ntaban mmienu kata wɔn anim. Na wɔde mmienu kata wɔn nan ho, na wɔde mmienu nso tu.

3Adi 4.8; Hab 3.3 Na oyi team kyerɛ oyi sɛ:

Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE!

N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.

4 Hes 10.4; Adi 15.8 Na apono ase wosoe, deɛ na ɔreteam no nne nti, na wisie yɛɛ ɛdan no ma.

5 Eks 33.20 Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi!

6Ɛnna Serafim no mu baako tu baa me nkyɛn, na ɔkura nsramma a ɔde daban kɔfaa no afɔrebukyia no soɔ;

7Sak 3.4 na ɔde kaa m’ano kaa sɛ: Hwɛ, yei aka w’ano, na wɔayi w’amumuyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so.

8Na metee AWURADE nne sɛ ɔse: Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mese: Meni, soma me!

9Mat 13.11-15; Yoh 12.40; Aso 28.26-27 Na ɔse: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ:

Teɛ ara na monteɛ, na monnte aseɛ,

na hunu ara na monhunu, na monnhunu mu.

10 Deut 29.4 Ma ɔman yi akoma mpirim,

na wɔn aso mu nyɛ duru,

na ka wɔn ani femfam so,

na wɔamfa wɔn ani anhunu,

na wɔamfa wɔn aso ante,

na wɔn akoma anhunu mu,

na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yadeɛ.

11Na mese: O AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Na ɔse:

Ɛnkɔsi sɛ nkuro bɛdane akurofo

a obi nte mu,

na afie atɔ mpan a onipa nni mu,

na asase no asɛe ayɛ fo koraa,

12na AWURADE aka nnipa akɔ akyirikyiri,

na amamfo adɔɔso wɔ asase no soɔ.

13 Yes 4.3 Na sɛ ɛka abupɛn du mu baako wɔ mu mpo a,

wɔbɛsane ahye wɔn,

sɛ odum anaa dupɔn a wɔato ahwe fam,

nanso ne sini da so ara si hɔ

berɛ a wɔatwa. Na n’aba kronkron no ne dunsini no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help