Kolosefoɔ 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔne Kristo baakoyɛ

1

7ɛno na akane a mote mu no, mo nso monantee wɔ mu.

Esu foforɔ

8 Efe 4.31; 4.29 Na afei mo deɛ, monyi abufuo, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm, ne aniwusɛm nyinaa mfiri mo anomu ngu.

9Efe 4.25; 4.22 Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu,

10Efe 4.24; Gye 1.27 na moahyɛ onipa foforɔ a wɔayɛ no foforɔ aba nimdeɛ mapa mu a ɛgyina deɛ ɔbɔɔ no no suban soɔ;

11Gal 3.28 faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.

Ɛsɛ sɛ wɔsua Kristo abrabɔ

12 1 Pe 2.9 Enti ɛnam sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefoɔ ne adɔfo yi, monhyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre.

13Mat 6.14; Efe 4.2; 4.32 Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, monhunu mmema mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, sɛdeɛ mo nso monyɛ ne no.

14Rom 13.8; 13.10 Na yeinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛka nnoɔma nyinaa bɔ mu ma ɛwie pɛyɛ no nguo.

15Flp 4.7; 1 Ko 12.13; 12.27 Na momma Kristo asomdwoeɛ nni hene wɔ mo akoma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua baako mu; na monnyɛ bonniayɛfoɔ.

Abrabɔ nnyinasoɔ

16 Efe 5.19 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.

171 Ko 10.31 Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo! nneyɛɛ mu oo! monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase.

Ɛyerenom, okununom, mma, awofoɔ, nkoa ne awuranom(Efesofoɔ 5.22—6.9)

18Ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛdeɛ ɛsɛ wɔ Awurade mu.

191 Pe 3.7 Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.

20Mma, montie mo awofoɔ asɛm nnoɔma nyinaa mu, na yei na ɛsɔ Awurade ani.

21Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na wɔn abam ammu.

22Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm nnoɔma nyinaa mu, ɛnyɛ anisoɔ som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom akoma kronn mu, sɛ wɔn a wɔsuro Awurade.

23Na adwuma biara a moyɛ no, momfiri akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa,

24ɛfiri sɛ monim sɛ Awurade nsam na mobɛnya apɛgyadeɛ sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.

25Rom 2.11 Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛntene no bɛnya deɛ ɛntene a ɔyɛeɛ no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help