Nnwom 64 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn bu abɔnefoɔ atɛnWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1Onyankopɔn, tie me nne,

m’abooboo mu,

bɔ me nkwa ho ban, na ɔtamfoɔ ammɛyi me hu.

2Fa me hunta firi nnipa bɔne kokoam agyinatuo ho,

firi amumuyɛfoɔ gyegyeegye ho.

3 Dwom 57.4 Wɔn na wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ afena,

wɔkuntunu tadua mu rebɛto wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo,

4 Dwom 11.2 sɛ wɔbɛto abɔ deɛ ɔyɛ pɛ no kokoam,

wɔto bɔ no mpofirim, na wɔnsuro.

5 Dwom 94.7 Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den,

wɔkeka sɛ wɔbɛhunta asum fidie,

wɔka sɛ: Hwan na ɔbɛhu yɛn?

6Wɔbɔre hwehwɛ amumuyɛ,

wɔawie wɔn tirim pɔ no,

wɔabɔre abɔre, na onipa tirim ne n’akomam dɔ.

7Na Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn,

wɔbɛpira mpofirim,

8 Dwom 7.15 na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi,

wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo.

9Na nnipa nyinaa bɛsuro,

na wɔaka Nyankopɔn adwuma,

na wɔahunu ne nneyɛɛ mu.

10Ɔteneneeni ani bɛgye AWURADE ho,

na wadwane akɔtoa no,

na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛhyehyɛ wɔn ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help