Deuteronomium 19 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Dwanekɔbea nkuro

1 Num 35.6-34; Yos 20 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a ɔde wɔn asase rema woɔ no, na wotu wɔn tena wɔn nkuro ne wɔn adan mu a,

2Deut 4.41-43 yiyi w’asase a ɔde rema wo sɛ fa no so nkuro mmiɛnsa fa.

3Siesie ɛhɔ kwan no fa, na kyɛ w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu mmiɛnsa, na onipakumfoɔ biara adwane akɔ hɔ.

4Na onipakumfoɔ a ɔnnwane nkɔ hɔ na ɔnnya nkwa no ho asɛm nie: Deɛ ɔnnim na ɔde adeɛ bɔ ne yɔnko, nanso berɛ a atwam no ɔntane no,

5sɛ ebia obi ne ne yɔnko kɔ kwaeɛ mu kɔto nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dadeɛ no hɔn firi ne dua mu bɔ ne yɔnko ma no wu a, ɛnneɛ ɔnnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa;

6na mogya ho weretɔfoɔ amfa abufuhyeɛ anti onipakumfoɔ no na ɔkwan no wareɛ nti, wankɔto no anku no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa kumfoɔ no wuo, ɛfiri sɛ berɛ a atwam no na ɔntane ne yɔnko no.

7Enti na merehyɛ wo sɛ yiyi nkuro mmiɛnsa fa.

8Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛ wo hyeɛ mu, sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no, na ɔde asase a ɔkaa sɛ ɔde bɛma wo nananom no nyinaa ma wo,

9na sɛ wodi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so yɛ, na wodɔ AWURADE wo Nyankopɔn na wonante n’akwan so nna nyinaa a, ɛnneɛ yiyi nkuro mmiɛnsa bio ka mmiɛnsa yi ho fa,

10na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a ɔde rema wo sɛ di soɔ no so, na woanni mogya ho so.

11Na sɛ obi tane ne yɔnko na ɔtɛ no sɔre to hyɛ ne so, na ɔde adeɛ bɔ no ma no wu, na ɔdwane kɔ nkuro yi baako mu a,

12ɛnneɛ ne kurom mpanimfoɔ nsoma mma wɔnkɔfa no mfiri hɔ, na wɔmfa no nhyɛ mogya ho weretɔfoɔ no nsa, na ɔnwu.

13Mma w’ani nhu no mmɔbɔ, na yi mogya a ɛdi bem ho afobuo firi Israel, na ɛnsi wo yie.

14 Deut 27.17 Ntwe wo yɔnko hyeɛ a tetefoɔ atwa no w’agyapadeɛ a woanya mu wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so.

Adansefoɔ ho asɛm

15 Deut 17.6; Yoh 8.17; 2 Ko 13.1 Ɔdanseni baako nnsɔre nntia obi, amumuyɛ biara anaa bɔne biara ho, bɔne biara a wɔyɛ mu; adansefoɔ baanu anaa baasa anomu nsɛm so na asɛm biara nnyina.

16Sɛ ɔdansekurumfoɔ bi sɔre tia obi di no mfomsoɔ ho adanseɛ a,

17Deut 17.9 ɛnneɛ nnipa baanu a ɛham da wɔn ntam no mmɛgyina AWURADE anim, asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ nna no mu anim.

18Na atemmufoɔ no mpeepee mu yie, na sɛ ɔdanseni no yɛ ɔdansekurumfoɔ na wadi ne nua ho adansekurumu a,

19ɛnneɛ monyɛ no sɛdeɛ ɔsusuu sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no; na yi bɔne no firi wo mu,

20na wɔn a aka no nte na wɔnsuro, na wɔankɔ so anni asɛmmɔne a ɛte seyie wɔ wo mu bio.

21Eks 21.23-25 Na mma w’ani nnhunu mmɔbɔ: Ɔkra nsi ɔkra ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help