Filipifoɔ NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUKrataa a Paulo de kɔmaa Filipifoɔ no yɛ deɛ ɔde kɔmaa asafo a ɛdi kan a ɔbuee wɔ amannɔne wɔ Romafoɔ mantam a wɔfrɛ no Makedonia. Ɔsomafoɔ no twerɛɛ no berɛ a na ɔyɛ deduani na Akristofoɔ adwumayɛfoɔ bi nso asɔre atia no. Nkyerɛkyerɛ bɔne a na ɛkɔ so wɔ Filipo asafo no mu yɛ adeɛ a na ɛha no kɛseɛ. Nanso krataa yi mu anigyeɛ ne awerɛhyɛmu a ɛda adi yɛ adeɛ a Paulo gyidie kɛseɛ a ɔwɔ wɔ Yesu Kristo mu nkutoo na wɔtumi kyerɛ aseɛ.Adwene a ɛdi kan a ɔde twerɛɛ krataa yi ne sɛ, ɔbɛda ase wɔ akyɛdeɛ a Filipi Kristofoɔ soma maa wɔde brɛɛ no ɛberɛ a na ɔwɔ ahohiahia mu. Ɔfaa saa ɔkwan yi so hyɛɛ wɔn nkuran sɛdeɛ wɔbɛtumi anya akokoɔduro ne awerɛhyɛmu wɔ wɔn ne n’ankasa amanehunu mu. Ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmfa Kristo ahobrɛaseɛ su no bi sene sɛ wɔbɛma pɛsɛmenkomenya ne ahantan adi wɔn so. Ɔkae wɔn sɛ wɔne Kristo nkabom no yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn adom mu a wɔnam gyidie so na agye. Yei deɛ, ɛmfiri setie a wɔyɛ ma Yudafoɔ mmara ne wɔn som mu. Ɔtwerɛ fa anigyeɛ ne asomdwoeɛ a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔaka wɔn abɔ mu wɔ Kristo mu.Deɛ Krataa yi si so dua pa ara yɛ anigyeɛ, awerɛhyɛmu, nkabom, ne boasetɔ wɔ Kristosom gyidie ne asetena mu. Ɛsane yi Paulo dɔ a ɔwɔ ma Filipi asafo no adi.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-11Paulo tebea a wakɔ mu 1.12-26Kristo mu abrabɔ 1.27—2.18Nhyehyɛɛ a ɛwɔ hɔ ma Paulo ne Epafrodito 2.19-30Atamfoɔ ne deɛ ɛyɛ hu ho kɔkɔbɔ 3.1—4.9Paulo ne ne nnamfonom a wɔyɛ Filipifoɔ 4.10-20Awieeɛ 4.21-23