Yosua 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔsi nkaeɛ dum

1Na ɔman mu no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:

2Monyiyi ɔman no mu mmarima dummienu, abusuakuo biara mu onipa baako,

3na monhyɛ wɔn sɛ: Montase aboɔ dummienu mfiri Yordan mfimfini ha mfiri deɛ asɔfoɔ no nan gyinaa pintinn hɔ, na momfa ntwa, na monkɔgya no mo asoɛeɛ a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi.

4Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dummienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ mu no, abusuakuo biara mu onipa baako.

5Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsene nni AWURADE mo Nyankopɔn adaka no anim nkɔ Yordan mfimfini, na montase aboɔ mmaako mmaako mmobɔ mo kɔn ho, sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na yei ayɛ mo mu nsɛnkyerɛnneɛ.

6Eks 12.26 Sɛ mo mma bisa mo ɔkyena bi sɛ: Mode aboɔ yi kyerɛ deɛn?

7Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsuo no twae, AWURADE apam adaka no anim; ɛtwaa Yordan no, Yordan nsuo no twae; na aboɔ yi nyɛ nkaeɛ mma Israelfoɔ nkɔsi daa.

8Na Israelfoɔ no yɛɛ saa, sɛdeɛ Yosua hyɛeɛ no, na wɔtasee aboɔ dummienu Yordan mu, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na wɔde twa baa wɔn asoɛeɛ, na wɔgyaa no hɔ.

9Na Yosua memaa aboɔ dummienu nso so sisii Yordan mu, deɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no nan sisiiɛ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

10Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa.

Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

11Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim.

12Num 32.21, 29 Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuo fa no miae twa kɔdii Israelfoɔ no anim, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no,

13nnipa bɛyɛ mpemaduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na ɛtwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko mpaperɛ soɔ.

14Yos 3.7 Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wɔsuroo no sɛdeɛ wɔsuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa.

15Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:

16Hyɛ asɔfoɔ a wɔso adanseɛ adaka no, na wɔmforo mfiri Yordan mu.

17Na Yosua hyɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Momforo mfiri Yordan mu.

18Na asɔfoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no foro firii Yordan mu na asɔfoɔ no anammɔn bɛsii asase pɛsɛɛ soɔ ara pɛ, na Yordan mu nsuo no sane baa n’afa, na ɛbɛkataa ne nsunoa nyinaa sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.

19 Yos 5.9 Na ɔman no foro firii Yordan mu bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so du, na wɔkyeree nsraban Gilgal, Yeriko apueeɛ hyeɛ so.

20Na aboɔ dummienu a wɔtase firii Yordan mu no, Yosua de sisii Gilgal.

21Yos 4.6 Na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn agyanom sɛ: Aboɔ yi kyerɛ deɛn?

22Momma mo mma nhunu sɛ asase pɛsɛɛ so na Israel fa de twaa Yordan yi,

23Eks 14.21-22 sɛ AWURADE mo Nyankopɔn wee Yordan nsuo no mo anim kɔsii sɛ motwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛwa Po no a ɔweeɛ no yɛn anim kɔsii sɛ yɛtwaeɛ no,

24na asase so aman nyinaa ahunu AWURADE nsa sɛ ɛyɛ den, na moasuro AWURADE mo Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help