Yeremia 24 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu no ho anisoadehunu

1 Yer 29.2; 2 Ah 24.14-15 AWURADE maa mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim nie, ɛberɛ a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔɔ Babel no.

2Kɛntɛn baako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a abere kane, na kɛntɛn baako no mu wɔ mmorɔdɔma a ɛnyɛ koraa a yɛ a ɛnyɛ no nti wɔntumi nnie.

3Yer 1.11, 13 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mmorɔdɔma; mmorɔdɔma pa no deɛ, ɛyɛ sɛ, na deɛ ɛnyɛ no, ɛnyɛ koraa, na yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nni.

4Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

5Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mmorɔdɔma pa yi teɛ no, saa ara na mɛbu tukɔfoɔ a memaa wɔfirii ha yi kɔɔ Kaldeafoɔ asase soɔ no mayɛ wɔn yie;

6Yer 31.28 na mede m’ani bɛhwɛ wɔn papa, na mede wɔn masane aba asase yi so; na mede wɔn bɛsisi hɔ, na merendwiri wɔn, na mɛdua wɔn, na merentutu wɔn.

7Yer 31.33-34 Na mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhu me sɛ mene AWURADE, na wɔadane me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.

8 Yer 29.17 Na sɛ mmorɔdɔma bɔne a yɛ a ɛnyɛ nti, wɔntumi nnie no teɛ no, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛyi Yudahene Sedekia ne n’asafohene ne Yerusalem nkaeɛ a wɔaka asase yi soɔ no, ne wɔn a wɔte Misraim asase soɔ no mama,

9Yer 29.18 na mama wɔadwane wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadanedane ahohora ne akasabebuo, ɛfene ne nnome baabiara a mɛsunsum wɔn akorɔ;

10na mɛma afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsa koraa afiri asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help