1 2 Ah 24.15-16 Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti.
2Yos 9.23; Esra 8.20 Na wɔn a wɔdii kan sane bɛtenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ.
3Neh 11.3-19 Na Yerusalem deɛ, Yuda mma ne Benyamin mma ne Efraim ne Manase mma no mu binom tenatenaa hɔ:
4Bani a ɔfiri Peres a ɛwɔ Yuda mma mu no ba Imri ba Omri ba Amihud ba Utai.
5Na Silonifoɔ mu deɛ: Abakan Asaia ne ne mma.
6Na Sera mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduɔkron.
7Na Benyamin mma mu: Hasenua ba Hodawia ba Mesulam ba Salu,
8ne Yeroham ba Yibneia ne Mikri ba Usi ba Ela ne Yibnia ba Reuel ba Sefatia ba Mesulam,
9ne wɔn nuanom, wɔn mmusua so, nnipa ahankron aduonum nsia. Mmarima yi nyinaa yɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie so.
10Na asɔfoɔ no mu: Yedaia, Yehoiarib ne Yakin,
111 Be 6.13 ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Nyankopɔn fie bapɔmma;
12ne Malkia ba Pasur ba Yeroham ba Adaia ne Imer ba Mesilemit ba Mesulam ba Yahsera ba Adiel ba Masai
13ne wɔn nuanom, wɔn mpanimfie so atitire, apem ahanson aduosia, mmarima a wɔtumi Nyankopɔn fie som adwuma no.
14Na Lewifoɔ mu deɛ: Merari ba Hasabia ba Asrikam ba Hasub ba Semaia,
15Bakbakar, Heres, Galal ne Asaf ba Sikri ba Mika ba Matania,
161 Be 2.54 ne Yedutun ba Galal ba Semaia ba Obadia ne Elkana ba Asa ba Berekia a ɔte Netofafoɔ nkuraa mu no.
Asɔrefie nnwuma ahodoɔ no17Na apono ano ahwɛfoɔ no: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn nuanom. Salum na ɔdi tire.
18Na ɛde bɛsi sɛsɛɛ wɔwɔ ɔhene pono ano apueeɛ fam, wɔn ne Lewi mma nsra apono ano ahwɛfoɔ.
19Num 4.18-20 Na Kora ba Ebiasaf ba Kore ba Salum ne ne nuanom n’agya fie mu, Korafoɔ no, wɔwɔ ɔsom adwuma no so rewɛn ntomadan no pono ano, sɛdeɛ na wɔn agyanom wɔ AWURADE nsraban no mu rewɛn emu hyɛne no.
20Num 25.7-13 Na Eleasa ba Pinehas na na ɔdi wɔn so bapɔmma kane no, na AWURADE dii n’akyi.
21Meselemia ba Sakaria ne ahyiaeɛ ntomadan no pono ano hwɛfoɔ.
221 Sa 9.11 Wɔn a wɔyii wɔn de wɔn sisii apono ano hwɛfoɔ nyinaa yɛ ahanu ne dummienu. Wɔn na wɔkan wɔn twerɛɛ wɔn din mmusua soɔ, wɔn nkuraa so, wɔn nso na Dawid ne Ɔdehununi Samuel de wɔn sisii wɔn nokorɛdie adwuma so.
23Na wɔne wɔn mma wɔ apono no ano AWURADE fie, ntomadan fie no, rewɛn;
24mframa nnan no ano deɛ, apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam apono ano ahwɛfoɔ no wɔ.
25Na ɛsɛ wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn nkuraa ase no sɛ wɔba nnanson nnanson firi berɛ so kɔ berɛ soɔ bɛka wɔn ho.
26Na nokorɛdie adwuma mu na apono ano hwɛfoɔ mpanin baanan no, Lewifoɔ no wɔ, na wɔdi Nyankopɔn fie mpumpunu ne adekora adan no soɔ.
27Na Nyankopɔn fie no ho na wɔteteeɛ hyia anadwoɔ berɛ biara, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na na wɔhinihini apono no daa anɔpa.
28Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nnoɔma no so, na wɔbu ano de ba mu, na wɔbu ano de firi adi.
29Na wɔde wɔn mu binom asisi nnoɔma ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ne esiam, nsa, ngo, ohwamfufuo ne nnuhwam no so.
30Eks 30.23-25 Na asɔfoɔ mma no binom de nnoɔma frafra yɛɛ nnuhwam sra ngo no.
31Na Matitia a ɔfiri Lewi mma mu a ɔyɛ Korani Salum abakan no, wɔde no sii ɛkyeɛ nnadeɛ mu atodeɛ to so.
32Lew 24.5, 8 Na Kohatfoɔ mma a wɔyɛ wɔn nuanom no mu binom dii kyerɛ paanoo no so, sɛ wɔnsiesie no daa homeda.
33 1 Be 9.14-16 Yeinom ne nnwontofoɔ no, Lewi abusua so mpanimfoɔ a wɔtete asɔrefie mpumpunu mu, a wɔnyɛ adwuma foforɔ bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwuma awia ne anadwo.
34Yeinom ne Lewifoɔ mu agyanom atitire, atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Yeinom na wɔtete Yerusalem.
Gibeonfoɔ, Saulo fiefoɔ35 1 Be 8.29-38 Na Gibeonfoɔ no agya ne Yeiel a ɔte Gibeon, na ne yere din de Maada.
36Na n’abakan ne Adbon; ne nuanom Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
37Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot.
38Na Miklot woo Simeam; na wɔn nso tenaa wɔn nuanom ntentensoɔ wɔ Yerusalem, wɔne wɔn nuanom.
39Na Ner woo Kis, na Kis woo Saulo, na Saulo woo Yonatan, Malki-sua, Abinadab ne Esbaal.
40Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.
41Na Mika mma ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
42Na Ahas woo Yara, na Yara woo Alemet, Asmawet, ne Simri, na Simri woo Mosa,
43na Mosa woo Binea; ne ne ba Refaia, ne ba Elasa, ne ba Asel.
44Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din nie: Asrikam, Bokeru ne Ismael ne Searia ne Obadia ne Hanan. Yeinom ne Asel mma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.