1 Eks 40.9-10 Na Mose wiee tenabea no sie, na ɔsraa ho ngo, na ɔyɛɛ no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa kronkron, na ɔsraa ho ngo na ɔyɛɛ ho kronkron no,
2Israel mmapɔmma, wɔn mpanimfie so atitire a wɔyɛ mmusuakuo no asafohempanin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan wɔn no soɔ no de ayɛyɛdeɛ bae.
3Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa AWURADE anim. Nteaseɛnam a ɛso wɔ nkatasoɔ nsia ne anantwie dummienu; mmapɔmma baanu de nteaseɛnam baako, na obiara de nantwie baako; na wɔde baa tenabea no anim.
4Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:
5Gye no wɔn nsam, na wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma, na fa ma Lewifoɔ no, obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.
6Na Mose de nteaseɛnam ne anantwie no maa Lewifoɔ no.
7Ɔde nteaseɛnam mmienu ne anantwie nnan maa Gerson mma sɛdeɛ wɔn adwuma teɛ,
8Eks 38.21; Num 4.28, 33 na ɔde nteaseɛnam nnan ne anantwie nwɔtwe maa Merari mma, sɛdeɛ wɔn adwuma teɛ, wɔ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsam;
9Num 4.15 na Kohat mma deɛ, wamma wɔn bi, ɛfiri sɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔsoa kronkronbea ho nnoɔma no wɔn mmatiri soɔ.
10 2 Be 7.9 Na mmapɔmma no de afɔrebukyia no adwiradeɛ bae, da a wɔsraa no ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa afɔrebukyia no anim.
11Num 1.4-16; 2.3-29 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mmapɔmma no mfa wɔn afɔrebukyia dwira ho ayɛyɛdeɛ mmra mmaako mmaako, obiara ne ne da.
12Na deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ baa da a ɛdi kan ne Aminadab ba Nahason a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no.
13Na n’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako a ano si nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
14sika ayowa baako a ano si nnwetɛbena du a aduhwam ayɛ no ma;
15nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
16ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
17ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Aminadab ba Nahason ayɛyɛdeɛ.
18Da a ɛtɔ so mmienu no, Suar ba Netanel a ɔyɛ Isakar bapɔmma de bae.
19N’ayɛyɛdeɛ a ɔde baeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
20sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
21nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
22ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
23ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Suar ba Netanel ayɛyɛdeɛ.
24Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Sebulon mma bapɔmma Helon ba Eliab de n’ayɛyɛdeɛ bae.
25N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa, dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
26sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
27nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
28ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
29ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Helon ba Eliab ayɛyɛdeɛ.
30Da a ɛtɔ so nnan no, Ruben mma bapɔmma Sedeur ba Elisur nso bae.
31N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
32sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
33nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
34ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
35ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Sedeur ba Elisur ayɛyɛdeɛ.
36Da a ɛtɔ so nnum no, Simeon mma bapɔmma Surisadai ba Selumiel,
37n’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
38sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
39nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
40ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
41ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Surisadai ba Selumiel ayɛyɛdeɛ.
42Da a ɛtɔ so nsia no, Gad mma bapɔmma Deguel ba Eliasaf.
43N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
44sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
45nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
46ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
47ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Deguel ba Eliasaf ayɛyɛdeɛ.
48Da a ɛtɔ so nson no, Efraim mma bapɔmma Amihud ba Elisama bae.
49N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
50sika nnwetɛbena du ayowa baako aduhwam ayɛ no ma;
51nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
52ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
53ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Amihud ba Elisama ayɛyɛdeɛ.
54Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, Manase mma bapɔmma Pedahsur ba Gamaliel bae.
55N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
56sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
57nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
58ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
59ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Pedahsur ba Gamaliel ayɛyɛdeɛ.
60Da a ɛtɔ so nkron no, Benyamin mma bapɔmma Gideoni ba Abidan bae.
61N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
62sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
63nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
64ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
65ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Gideoni ba Abidan ayɛyɛdeɛ.
66Da a ɛtɔ so du no, Dan mma bapɔmma Amisadai ba Ahieser bae.
67N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
68sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
69nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
70ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
71ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Amisadai ba Ahieser ayɛyɛdeɛ.
72Da a ɛtɔ so dubaako no, Aser mma bapɔmma Okran ba Pagiel.
73N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
74sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
75nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
76ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
77ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Okran ba Pagiel ayɛyɛdeɛ.
78Da a ɛtɔ so dummienu no, Naftali mma bapɔmma Enan ba Ahira.
79N’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;
80sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;
81nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
82ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;
83ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Enan ba Ahira ayɛyɛdeɛ.
84Yei ne adwiradeɛ a ɛda a wɔsraa afɔrebukyia ho ngo no Israel mmapɔmma no de baeɛ: Dwetɛ nyowa dummienu, dwetɛ nkoraa dummienu, sika nyowaa dummienu.
85Ayowa no baako yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa, na koraa baako yɛ aduɔson, na nnoɔma yi dwetɛ nyinaa ano si nnwetɛbena mpennu ahanan, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ;
86sika nyowaa a aduhwam ayeyɛ mu amaama dummienu. Ayowa no baako ano si nnwetɛbena du, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ, na nyowaa no sika nyinaa yɛ nnwetɛbena ɔha aduonu.
87Ɔhyeɛ afɔdeɛ anantwie no nyinaa yɛ anantwinini dummienu, adwennini dummienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dummienu ne wɔn nnuane ne ayɛyɛdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ mpapo dummienu;
88na asomdwoeɛ afɔdeɛ anantwie no nyinaa yɛ anantwinini aduonu nnan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nnwanten mma a wɔadi afe afe aduosia. Yei ne afɔrebukyia no sra akyiri adwiradeɛ.
89 Eks 25.21-22; 1 Sa 3.3-14 Na Mose hyɛnee ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee ɛnne no sɛ ɛrekasa kyerɛ no firi mpata adwa a ɛwɔ adanseɛ adaka no soɔ no so wɔ kerubim mmienu no ntam; na AWURADE kasa kyerɛɛ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.