Tobit 13 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Tobit de aseda ma Onyankopɔn

1Afei Tobit kaa sɛ:

Nhyira nka Onyankopɔn a ɔte ase daa no,

ɛfiri sɛ n’ahennie bɛtena hɔ mmerɛ santen nyinaa.

2Ɔtwe yɛn aso, na ɔsan hu yɛn mmɔbɔ;

ɔde nnipa kɔ Asamando, asase ase tɔnn,

na wasan de wɔn firi ebunu donkodonko mu aba bio,

na biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi adwane afiri ne nsa mu.

3Monyi no nkyerɛ wɔ amanaman anim, O Israel mma;

ɛfiri sɛ wabɔ mo apete wɔn mu.

4Wama moahunu ne kɛseyɛ wɔ hɔ mpo.

Momma no so wɔ ateasefoɔ nyinaa anim;

ɛfiri sɛ, ɔyɛ yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn;

ɔno ne yɛn Agya na ɔyɛ Nyankopɔn daa nyinaa.

5Ɔbɛtwe mo aso wɔ mo amumuyɛ ho,

nanso ɔbɛhu mo nyinaa mmɔbɔ bio,

na waboaboa yɛn ano afiri amanaman nyinaa mu

a wabɔ mo apeteɛ no.

6Sɛ mode mo akoma ne mo kra nyinaa san ba ne nkyɛn,

de bɛyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ mu wɔ n’anim a,

ɛno ansa na ɔbɛdane n’ani akyerɛ mo,

na ɔmfa n’anim nhunta mo bio.

Enti afei hwɛ adeɛ a wayɛ ama mo;

na fa wo nne a ɛgyegye pa ara yi no kyerɛ.

Hyira tenenee Awurade no,

na ma mmerɛ santen Hene no so.

Meyi wo kyerɛ wɔ asase a wɔafa me dommum no so,

na meyi ne tumi ne n’animuonyam kyerɛ wɔ abɔnefoɔ man so sɛ:

Mo nnebɔneyɛfoɔ, monsan mmɛyɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim;

obi nnim, ebia ɔbɛhu mo mmɔbɔ na wadom mo.

7Me deɛ, mema me Nyankopɔn so,

na me kra di ahurisie wɔ ɔsoro Hene no mu,

8Ma nnipa nyinaa nka n’animuonyam,

na wɔnyi no nkyerɛ wɔ Yerusalem.

9O Yerusalem, kuro kronkron,

ɔtwee w’aso wɔ wo mma nneyɛɛ ho nti,

nanso ɔbɛhu ateneneefoɔ mma no mmɔbɔ bio.

10Monyi Awurade nkyerɛ,

na monhyira mmerɛ santen Hene no,

na wɔde anigyeɛ asi ne ntomadan wɔ wo mu bio.

Ɔnkyekyere nnommumfoɔ a wɔwɔ mo mu no nyinaa werɛ,

na ɔnnɔ wɔn a wɔn ho yera wɔn no,

nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so daa.

11Kanea a ɛhran bi bɛhyerɛn akɔsi asase ano nyinaa;

aman bebree bɛfiri akyirikyiri aba wo hɔ,

asase akyirikyiri sofoɔ, wo din kronkron no nti,

a wɔkurakura akyɛdeɛ wɔ wɔn nsam, akyɛdeɛ a wɔde brɛ ɔsoro Hene.

Awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ de anigyeɛ bɛyi wo ayɛ,

kuro a wɔayi no no din bɛtena hɔ daa.

12Nnome nka wɔn a wɔkasa tia wo no nyinaa;

nnome nka wɔn a wɔko di wo soɔ nyinaa

na wɔdwiri w’afasuo,

wɔn a wɔdwiri w’abantenten nyinaa

na wɔto w’afie mu gya.

Nanso nhyira nka wɔn a wɔbu wo no nyinaa.

13Afei kɔ ɛ, na di ahurisie ma ateneneefoɔ mma no,

ɛfiri sɛ wɔbɛboa wɔn ano

na wɔayi mmerɛ santen Awurade no ayɛ.

14Sɛdeɛ woahyira wɔn a wɔdɔ wo no,

nhyira ne wɔn a wɔdi ahurisie wɔ wo yiedie mu.

Nhyira ne wɔn a wɔne wo werɛ aho

ɛsiane w’amanehunu no nti;

na wɔne wo ani bɛgye

na wɔbɛhunu w’animuonyam no daa.

15Ma me kra nyi Awurade, Ɔhene kɛseɛ no ayɛ!

16Na wɔbɛkyekyere Yerusalem de ayɛ ne fie mmerɛ santen nyinaa mu.

Hwɛ sɛdeɛ m’ani bɛgyeɛ sɛ m’asefoɔ nkaeɛ bɛtena aseɛ

ahu w’animuonyam na wɔayi ɔsoro Hene no akyerɛ.

Wɔde nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ bɛsi Yerusalem apono,

na wɔde aboɔden aboɔ asi n’afasuo nyinaa.

Wɔde sika na ɛbɛto n’aban atentene,

na wɔde sika amapa ato n’abantenten atifi no.

Na wɔde abohene ne Ofir aboɔ

bɛsam Yerusalem mmɔntene so.

17Na Yerusalem apono bɛto ahurisie dwom,

na emu afie nyinaa ateaam sɛ: Haleluia!

Nhyira nka Israel Nyankopɔn!

Na wɔn a wɔahyira wɔn no bɛhyira ne din kronkron no daa daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help